5 Ɔbuaa sɛ, “Wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”
6 Enti ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Yei ne Awurade asɛm a ɔde rekɔma Serubabel: ‘Ɛnyɛ tumi so, na ɛnyɛ ahoɔden nso so, na mmom, ɛnam me Honhom so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
7 “Woyɛ ɛdeɛn, Ao bepɔ kɛseɛ? Wobɛyɛ asase tamaa wɔ Serubabel anim. Afei ɔde aboɔ fɛfɛ no bɛba abɛhyia osebɔ sɛ, ‘Onyankopɔn nhyira so! Onyankopɔn nhyira so!’ ”
8 Na Awurade asɛm baa me nkyɛn sɛ: 9 “Ɛnam Serubabel nsa so na wɔtoo asɔredan yi fapem, na ɛnam ne nsa so na wɔbɛwie. Na mobɛhunu sɛ, Asafo Awurade na wasoma me mo nkyɛn.
10 “Hwan na ɔbu nneɛma nketenkete mfiaseɛ ɛda animtiaa? Sɛ nnipa hunu sɛ Serubabel kura kyirebenn susu ahoma no a, wɔn ani bɛgye.
11 Na mebisaa ɔbɔfoɔ no sɛ, “Saa ngo nnua mmienu no a ɛsisi kanea dua no nifa ne benkum no yɛ ɛdeɛn?”
12 Na mebisaa no bio sɛ, “Ngodua mman mmienu a ɛhwie ngo a ani yɛ akokɔsradeɛ fa sikakɔkɔɔ dorobɛn mmienu no mu no yɛ ɛdeɛn?”
13 Ɔbuaa sɛ, “Enti wonnim deɛ yeinom yɛ anaa?”
14 Nti ɔkaa sɛ, “Yeinom ne mmienu a wɔasra wɔn ngo sɛ wɔnsom Awurade a ɔdi ewiase nyinaa so.”
<- Sakaria 3Sakaria 5 ->