3 Na Yosua hyɛ ntadeɛ fi ɛberɛ a ɔgyina ɔbɔfoɔ no anim. 4 Ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn a wɔgyinagyina nʼanim no sɛ, “Monnyi ne ho ntadeɛ fi no.”
5 Afei, mekaa sɛ, “Momfa abotire a ani teɛ mmɔ ne ti.” Enti, wɔde abotire a ani teɛ bɔɔ no, na wɔhyɛɛ no atadeɛ, ɛberɛ a Awurade ɔbɔfoɔ no gyina hɔ.
6 Na Awurade ɔbɔfoɔ de saa akwankyerɛ yi maa Yosua: 7 “Yei ne deɛ Asafo Awurade seɛ: ‘Sɛ wobɛyɛ ɔsetie ama me na woayɛ mʼapɛdeɛ a, ɛnneɛ wobɛdi me fie so na woahwɛ mʼabannwa so, na mɛma wo baabi atena wɔ nnipa a wɔgyinagyina ha yi mu.
8 “ ‘Tie, Ao ɔsɔfopanin Yosua, wo ne wo nkurɔfoɔ a wɔtete wʼanim yi, moyɛ nnipa a wɔgyina hɔ ma nneɛma a ɛrebɛsisi: Mede me ɔsomfoɔ, Dubaa, no bɛba. 9 Hwɛ, aboɔdenboɔ a mede asi Yosua anim! Ani nson na ɛtuatua saa ɛboɔ baako no ho, na mekrukyire atwerɛ bi wɔ so,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie, ‘na mede ɛda koro pɛ bɛpepa asase yi so bɔne.
10 “ ‘Saa ɛda no mo mu biara bɛto nsa afrɛ ne yɔnko ne no akɔtena ne ngo dua ne borɔdɔma dua ase,’ sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.”
<- Sakaria 2Sakaria 4 ->- a Yosua: Onipa korɔ yi ara na wɔbɔ ne din Yesua wɔ Hebri kasa mu wɔ Ɛsra ne Nehemia nwoma mu. Ɛha no, edin no gyina hɔ ma nnebɔneyɛfoɔman Israel (3.8-9).