3 Kane no, na yɛn ankasa yɛyɛ nkwaseafoɔ, asoɔdenfoɔ, ne abɔnefoɔ. Na yɛyɛ akɔnnɔ ne anigyeɛ ahodoɔ nkoa. Yɛsɛee yɛn abrabɔ wɔ bɔne ne anibereɛ ho. Afoforɔ tanee yɛn maa yɛn nso yɛtanee wɔn. 4 Nanso, ɛberɛ a yɛn Agyenkwa Onyankopɔn ayamyɛ ne ne dɔ daa adi no, 5 ɔgyee yɛn nkwa. Ɛnyɛ nnwuma pa bi a yɛayɛ enti, na mmom, ɔnam nʼahummɔborɔ mu ahohoro yɛn ho, agye yɛn nkwa, ama Honhom Kronkron no awo yɛn foforɔ ama yɛn nkwa foforɔ. 6 Onyankopɔn nam Yesu Kristo a ɔyɛ yɛn Agyenkwa no so ahwie Honhom Kronkron no agu yɛn so 7 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, nʼadom enti, yɛbɛyɛ daa nkwa no anidasoɔ ho adedifoɔ. 8 Yei yɛ nokwasɛm. Mepɛ sɛ woti saa asɛm yi mu yie na ama wɔn a wɔgye Onyankopɔn di no ahunu sɛ, ɛsɛ sɛ wɔde wɔn berɛ di dwuma pa. Yeinom nyinaa yɛ, na ɛho wɔ mfasoɔ ma nnipa.
9 Nanso, monnnye nkwasea akyinnyeɛ. Saa ara nso na monnto ana, nkasakasa, nko wɔ mmara so. Ɛho nni mfasoɔ biara. 10 Obi a ɔde mpaapaemu ba no, bɔ no kɔkɔ deɛ ɛdi ɛkan ne deɛ ɛtɔ so mmienu, na ɛno akyi no, te wo ho firi ne ho. 11 Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ obi a ɔte saa no asɛe, na bɔne a ɔyɛ no da adi wɔ ne ho.