1 Ɛnneɛ na Yudaniyɛ ho mfasoɔ ne sɛn, anaasɛ twetiatwa ho wɔ mfasoɔ bi? 2 Aane mfasoɔ wɔ so. Deɛ ɛdi ɛkan no, Onyankopɔn de ne nsɛm ahyɛ wɔn nsa.
3 Na sɛ ebinom nni gyidie ɛ? Gyidie a wɔnni no kyerɛ sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔnokwafoɔ anaa? 4 Ɛnte saa koraa! Sɛ obiara yɛ ɔtorofoɔ a, Onyankopɔn deɛ, ɔyɛ ɔnokwafoɔ, sɛdeɛ wɔatwerɛ sɛ,
5 Na obi bɛka sɛ, “sɛ yɛn bɔne a yɛyɛ no da Onyankopɔn tenenee adi kann a, adɛn enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyeɛ ba yɛn so?” (Merekasa sɛ onipa) 6 Dabi! Sɛ Onyankopɔn nyɛ ɔteneneeni a, ɛbɛyɛ dɛn na watumi abu ewiase atɛn? 7 Obi bɛgye akyinnyeɛ aka sɛ, “Sɛ me nkontompo ma Onyankopɔn nokorɛ da adi na nʼanimuonyam boro so a, ɛnneɛ adɛn enti na Onyankopɔn bu me fɔ sɛ ɔdebɔneyɛfoɔ?” 8 Ebinom nso bɛka sɛ, “Ɛnneɛ momma yɛnyɛ bɔne sɛdeɛ biribi pa bɛfiri mu aba!” Nnipa bi mpo ka sɛ saa asɛm yi na yɛka. Onyankopɔn bɛbu wɔn atɛn.
19 Yɛnim sɛ biribiara a ɛwɔ Mmara no mu no, wɔtwerɛ maa wɔn a wɔhyɛ Mmara no tumi ase. Mmara no ka yeinom sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara rennya anoyie, na ama Onyankopɔn akyerɛ sɛ ewiase nyinaa di fɔ. 20 Ɛfiri sɛ, obiara nni hɔ a sɛ ɔyɛ deɛ Mmara no hyɛ sɛ ɔnyɛ a, Onyankopɔn bɛbu no bem. Deɛ Mmara no yɛ ara ne sɛ, ɛma onipa hunu sɛ wayɛ bɔne.
27 Ɛnneɛ ɛdeɛn na yɛde bɛhoahoa yɛn ho? Biribiara nni hɔ! Na adɛn nti? Mmara no a yɛdi so no enti na wagye yɛn anaa? Dabi. Gye a ɔgye yɛn no nnyina mmara a yɛdi so, na mmom, ɛgyina gyidie a yɛwɔ wɔ Yesu mu. 28 Ne tiawatwa ne sɛ, wɔnam gyidie so na wɔbu onipa bem, na ɛnyɛ Mmara a ɔdi so no enti. 29 Onyankopɔn yɛ Yudafoɔ nko ara Onyankopɔn anaa? Ɔnyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn bi anaa? Ɛyɛ nokorɛ turodoo sɛ ɔyɛ amanamanmufoɔ nso Onyankopɔn. 30 Onyankopɔn yɛ baako, na ɔnam gyidie nko ara a Yudafoɔ wɔ so bɛbu wɔn bem. Na saa ara nso na ɔnam gyidie nko ara so bɛbu amanamanmufoɔ bem. 31 Enti, yei kyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ yɛfa saa gyidie no so gyae Mmara no so di anaa? Dabi, na mmom, sɛ yɛwɔ gyidie a, yɛfoa Mmara no adanseɛ so.
<- Romafoɔ 2Romafoɔ 4 ->