1 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛyɛ den wɔ gyidie mu no tumi te wɔn a wɔyɛ mmerɛ no sintɔ ase. Ɛsɛ sɛ yɛsɔ wɔn ani na yɛansɔ yɛn ara ani. 2 Yɛn mu biara nkamfo adepa biara ne yɔnko yɛ, mfa nhyɛ no den. 3 Kristo mpo anyɛ deɛ ɔpɛ, sɛdeɛ Atwerɛsɛm ka sɛ, “Nnipa a wɔbɔ mo ahohora no bɔ me ahohora nso.” 4 Biribiara a wɔatwerɛ wɔ Atwerɛsɛm no mu no, wɔatwerɛ de kyerɛkyerɛ yɛn sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, yɛnam boasetɔ, nkuranhyɛ a Kristo Atwerɛsɛm no de ma yɛn no so bɛnya anidasoɔ.
5 Onyankopɔn a yɛnya boasetɔ ne nkuranhyɛ firi ne nkyɛn no, mma mo honhom mu nkabom na mode adi Kristo Yesu akyi, 6 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mo nyinaa de akoma korɔ ne ano korɔ bɛkamfo Onyankopɔn, yɛn Awurade Yesu Kristo Agya no.
7 Momma mo ho nka mo ho mo ho mfa nhyɛ Onyankopɔn animuonyam sɛdeɛ Kristo agye mo no. 8 Ɛfiri sɛ, meka kyerɛɛ mo sɛ, Kristo Yesu bɛyɛɛ Yudafoɔ ɔsomfoɔ de kyerɛɛ sɛ Onyankopɔn yɛ ɔnokwafoɔ a ɔbɛma ne bɔ a ɔhyɛɛ agyanom no aba mu, 9 na wama amanamanmufoɔ nso akamfo no wɔ ne mmɔborɔhunu ho, sɛdeɛ Atwerɛsɛm no ka sɛ,
13 Anidasoɔ Onyankopɔn no a mogye no die no mfa anigyeɛ ne asomdwoeɛ nhyɛ mo ma, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Honhom Kronkron tumi no bɛma mo anidasoɔ mmorosoɔ.
17 Ɛno enti, metumi hoahoa me ho wɔ Kristo Yesu mu wɔ Onyankopɔn som yi mu. 18 Deɛ mɛka ho asɛm ara ne sɛdeɛ Kristo nam deɛ maka ne deɛ mayɛ so ama amanamanmufoɔ ayɛ ɔsetie ama Onyankopɔn. 19 Saa nsɛnkyerɛnneɛ ne anwanwadeɛ yi yɛ tumi a ɛfiri Honhom no mu. Enti, ɛfiri Yerusalem kɔka Iliriko, mapae mu aka Kristo Asɛmpa no nyinaa. 20 Na me botaeɛ ne sɛ, daa mɛka asɛmpa no wɔ mmeammea a wɔntee Kristo ho asɛm da no, na ankɔyɛ sɛ mesii dan wɔ obi fapem so. 21 Mmom sɛdeɛ wɔatwerɛ no:
30 Anuanom, menam yɛn Awurade Yesu Kristo ne ɔdɔ a Honhom no de ma me no so hyɛ mo sɛ, mo ne me mmɔ mu mmɔ Onyankopɔn mpaeɛ denden mma me. 31 Mommɔ mpaeɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, asɛm bi rento me wɔ Yudea. Mommɔ mpaeɛ mma wɔn a wɔnnye asɛm no nni. Afei nso, mommɔ mpaeɛ mma me som a mɛsom wɔ Yerusalem no, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, ahotefoɔ a wɔwɔ hɔ no bɛgye atom. 32 Sɛ ɛyɛ Onyankopɔn pɛ a, mede ahosɛpɛ bɛba mo nkyɛn mabɛsra mo. 33 Asomdwoeɛ Onyankopɔn no ne mo nyinaa ntena. Amen.