7 Mmoadabi no te sɛ apɔnkɔ a wɔasiesie wɔn ama ɔko. Wɔwɔ biribi te sɛ sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ wɔn ti. Na wɔn anim te sɛ nnipa anim. 8 Wɔn tirinwi te sɛ mmaa tirinwi, ɛnna wɔn se nso te sɛ gyata se. 9 Wɔde biribi te sɛ dadeɛ nkataboɔ akatakata wɔn bo. Na nnyegyeeɛ a wɔn ntaban yɛ no te sɛ apɔnkɔ bebree a wɔretwe nteaseɛnam akɔ ɔko. 10 Wɔwɔ borɔ dua te sɛ anyanyankyerɛ. Na wɔn dua no enti na na wɔwɔ tumi a wɔde ha nnipa abosome enum no. 11 Wɔwɔ ɔhene a ɔdi wɔn so, a ɔno ne ɔbɔfoɔ a ɔhwɛ bunu no so. Ne din wɔ Hebri kasa mu de “Abadon” ɛnna Hela kasa mu nso, ɛde “Apolion”, a nʼasekyerɛ ne “Ɔsɛefoɔ.”
12 Ɔhaw baako atwam. Yei akyi, ɔhaw mmienu bi bɛba.
17 Na mʼanisoadehunu no mu no, mehunuu apɔnkɔ no ne wɔn kafoɔ. Na wɔn nkataboɔ no yɛ kɔɔ sɛ ogya, tumm sɛ afasebire, ɛnna akokɔsradeɛ sɛ sɔfe. Na ɔpɔnkɔ no ti te sɛ gyata ti a ogya wisie ne sɔfe firi wɔn anom. 18 Saa ɔhaw ahodoɔ mmiɛnsa no a ɛyɛ ogya, wisie ne sɔfe no a ɛfiri apɔnkɔ no anom baeɛ no kumm adasamma nkyɛmu mmiɛnsa mu baako. 19 Ɛfiri sɛ, na apɔnkɔ no tumi nyinaa firi wɔn anom ne wɔn dua. Wɔn dua te sɛ awɔ a wɔwɔ ti a ɛno na na wɔde pira nnipa.
20 Adasamma a wɔkaeɛ no a ɔhaw no ankum wɔn no annu wɔn ho amfiri wɔn nsa ano nnwuma ho. Wɔannyae ahonhommɔne ne ahoni ne sika ne dwetɛ ne ayowaa ne aboɔ ne nnua a ɛnhunu adeɛ na ɛnte asɛm na ɛntumi nnante no som. 21 Saa ara nso na wɔannu wɔn ho amfiri wɔn awudie ne wɔn adutoɔ ne wɔn adwamammɔ ne wɔn korɔno ho.
<- Adiyisɛm 8Adiyisɛm 10 ->