1 Mehunuu sɛ deɛ ɔte ahennwa so no kura nwoma bi wɔ ne nsa nifa mu. Na wɔatwerɛ akyire ne animu nyinaa a wɔde nsɔano nson asosɔ ano. 2 Mehunuu ɔbɔfoɔ hoɔdenfoɔ bi a ɔde nne kɛseɛ kaa sɛ, “Hwan na ɔfata sɛ ɔte nsɔano no na ɔbue nwoma no mu?” 3 Nanso, wɔannya obiara a ɔwɔ ɔsoro anaa asase so anaa asase ase a ɔtumi buee nwoma no mu hwɛɛ mu. 4 Mesuu yie, ɛfiri sɛ wɔannya obiara a ɔfata sɛ ɔbue nwoma no mu na ɔhwɛ mu. 5 Afei, ɔpanin baako ka kyerɛɛ me sɛ, “Nsu. Hwɛ! Gyata a ɔfiri Yuda abusuakuo mu a ɔyɛ Dawid aseni adi nkonim, na ɔbɛtumi atete nsɔano nson no na wabue nwoma no mu.”
6 Afei, mehunuu Odwammaa bi sɛ ɔgyina ahennwa no mfimfini a ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ no atwa ne ho ahyia. Wɔhwɛ a na ɛsɛ deɛ wɔakum Odwammaa no. Na ɔwɔ mmɛn nson ne aniwa nson a ɛgyina hɔ ma Onyankopɔn ahonhom nson no a wɔasoma wɔn aba ewiase no. 7 Odwammaa no kɔgyee nwoma no firii deɛ ɔte ahennwa so no nsa nifa mu. 8 Ɔyɛɛ saa no, ateasefoɔ baanan no ne mpanimfoɔ aduonu ɛnan no butubutuu Odwammaa no anim. Na wɔn mu biara kura sankuo ne sika ayowaa a aduhwam ayɛ no ma a ɛyɛ ahotefoɔ mpaeɛ. 9 Wɔtoo dwom foforɔ sɛ,
“Wofata sɛ wofa nwoma no
na wote ne nsɔano no,
ɛfiri sɛ wɔkumm wo,
na ɛnam wo wuo so maa wɔtɔɔ nnipa firii aman ne
mmusuakuo ne nkurɔfoɔ ne kasa nyinaa mu maa Onyankopɔn.