5 Afei, deɛ ɔte ahennwa no so no kaa sɛ, “Afei, mereyɛ nneɛma nyinaa foforɔ!” Ɔka kyerɛɛ me nso sɛ, “Twerɛ yei, ɛfiri sɛ, saa nsɛm yi yɛ nokorɛ a wɔde wɔn ho to so.”
6 Na ɔka kyerɛɛ me sɛ, “Wɔawie! Me ne Alfa ne Omega, Ahyɛaseɛ ne Awieeɛ no. Obiara a sukɔm de no no, mɛma no nsuo a ɛfiri nkwa asutire mu anom kwa. 7 Obiara a ɔbɛdi nkonim no bɛnya yei afiri me nkyɛn. Mɛyɛ ne Onyankopɔn na ɔno nso ayɛ me ba. 8 Nanso, ahufoɔ ne wɔn a wɔnnye nni ne akyiwadeyɛfoɔ ne awudifoɔ ne adwamanfoɔ ne adutofoɔ ne abosonsomfoɔ ne atorofoɔ nyinaa bɛnya wɔn kyɛfa wɔ ɔtadeɛ a ogya ne sɔfe dɛre wɔ mu no. Ɛno ne owuprenu no.”
15 Ɔbɔfoɔ a ɔkasa kyerɛɛ me no kura sikakɔkɔɔ poma susudua a wɔde bɛsusu kuro no, nʼapono ne nʼafasuo. 16 Na kuro no yɛ ahinanan a ne tenten ne ne trɛ yɛ pɛ. Ɔbɔfoɔ no de ne susudua no susuu kuro no. Na ne tenten yɛ kilomita mpem mmienu ne ahanan (2,400), na ne tɛtrɛtɛ, ne ɔsorokɔ ne ne tenten nyinaa yɛ pɛ. 17 Ɔbɔfoɔ no susuu ɔfasuo no nso a na ne ɔsorokɔ nso bɛyɛ sɛ mita aduosia. 18 Ahwehwɛboɔ na ɔde too afasuo no. Na kuro no deɛ, sikakɔkɔɔ amapa a ɛhyerɛn te sɛ ahwehwɛ na wɔde toeɛ. 19 Wɔde aboɔdenboɔ ahodoɔ a ɛyɛ fɛ na ɛhyehyɛɛ kuro no fapem. Fapem a ɛdi ɛkan yɛ ahwehwɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so mmienu yɛ aboɔdemmoɔ. Fapem a ɛtɔ so mmiɛnsa yɛ omununkumboɔ. Fapem a ɛtɔ so ɛnan yɛ ahahammonoboɔ. 20 Fapem a ɛtɔ so enum yɛ ɛtɔnboɔ. Fapem a ɛtɔ so nsia yɛ bogyanamboɔ. Fapem a ɛtɔ so nson yɛ sikabereɛboɔ. Fapem a ɛtɔ so nwɔtwe yɛ apopobibirieboɔ. Fapem a ɛtɔ so nkron yɛ akraateboɔ. Fapem a ɛtɔ so edu yɛ dɛnkyɛmmoɔ. Fapem a ɛtɔ so dubaako yɛ wisiboɔ. Fapem a ɛtɔ so dumienu yɛ beredumboɔ. 21 Na wɔde nhwene pa dumienu na ɛyɛɛ apono dumienu no. Apono no mu biara, wɔde ahene pa baako na ɛyɛeɛ. Na kuro no abɔntene kɛseɛ yɛ sika amapa kronn a ɛte sɛ ahwehwɛ.
22 Na manhunu asɔredan wɔ kuro no mu baabiara ɛfiri sɛ, Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ ne Odwammaa no ne asɔredan. 23 Na owia anaa ɔsrane hann nhia kuro no ɛfiri sɛ, na Onyankopɔn ne Odwammaa no animuonyam hyerɛn wɔ hɔ. 24 Ne hann no bɛhyerɛn asase so aman nyinaa so, na asase so aman so ahene de wɔn ahodeɛ bɛba hɔ. 25 Wɔntoto kuro no apono mu. Ɛda biara ano da hɔ. Ɛfiri sɛ, esum nnuru wɔ hɔ. 26 Wɔde aman no kɛseyɛ ne wɔn ahonya bɛba kuro no mu. 27 Nanso, biribiara a ɛho nte nkɔ kuro no mu. Saa ara na obi a ɔyɛ aniwudeɛ anaa ɔtwa atorɔ nkɔ mu. Wɔn a wɔatwerɛ wɔn din ahyɛ Odwammaa no nkwa nwoma no mu no nko ara na wɔbɛkɔ kuro no mu.
<- Adiyisɛm 20Adiyisɛm 22 ->