4 Afei, mehunuu nhennwa ne wɔn a wɔtete so a wɔama wɔn tumi sɛ wɔmmu atɛn. Afei mehunuu wɔn a ɛsiane sɛ wɔada nokorɛ ne Onyankopɔn asɛm a Yesu kaeɛ no adi enti, wɔatwitwa wɔn ti no akra. Wɔansom aboa no ne ne honi no. Saa ara nso na wɔamfa aboa no agyiraeɛhyɛdeɛ anhyɛ wɔn moma so ne wɔn nsa ho agyiraeɛ. Wɔbaa nkwa mu ne Kristo bɛdii ahene mfeɛ apem. Awufoɔ a wɔaka no annyane kɔsii mfeɛ apem no akyi. 5 Yei ne awufosɔreɛ a ɛdi ɛkan. 6 Nhyira bebree nka wɔn a wɔdii ɛkan nyanee wɔn firii awufoɔ mu. Owuo a ɛtɔ so mmienu no nni wɔn so tumi. Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfoɔ. Na wɔne no bɛdi ahene mfeɛ apem.
7 Mfeɛ apem no akyi, wɔbɛyi ɔbonsam afiri afiase hɔ; 8 na ɔbɛkɔ akɔdaadaa aman a ɛwɔ ewiase nyinaa a ɛyɛ Gog ne Magog. Ɔbonsam bɛboaboa wɔn ano a wɔn dodoɔ bɛyɛ sɛ mpoano anwea de wɔn akɔ ɔko. 9 Wɔtuu sa kɔɔ asase so nyinaa kɔtwaa Onyankopɔn nkurɔfoɔ atenaeɛ, a ɛyɛ ɔman a ɔdɔ no no ho hyiaeɛ. Nanso, ogya firi soro bɛsɛee wɔn. 10 Ɛnna wɔtoo ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no nso too ogya tadeɛ ne sɔfe a wɔde aboa no ne atorɔ odiyifoɔ no ato mu no mu. Na wɔbɛyɛ wɔn ayayadeɛ awia ne anadwo daa daa.