8 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmienu dii deɛ ɔdi ɛkan no akyi kaa sɛ. “Wahwe ase! Babilonia kɛseɛ ahwe ase! Ɛfiri sɛ, wama amanaman nyinaa anom nʼadwamammɔ nsã no bi.”
9 Ɔbɔfoɔ a ɔtɔ so mmiɛnsa a ɔdi baanu a wɔdi ɛkan no akyi teaam kaa sɛ, “Obiara a ɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni a na ɔma wɔhyɛ ne nsa ho anaa ne moma so agyiraeɛ 10 no ankasa bɛnom Onyankopɔn nsã, nʼabufuo nsã a ɔde nʼahoɔden nyinaa ahwie agu nʼabufuo kuruwa mu no. Wɔn a wɔbɛyɛ saa no nyinaa, wɔbɛhyɛ wɔn ahoyera wɔ ogya ne sɔfe mu wɔ abɔfoɔ ne Odwammaa no anim. 11 Na ogya no wisie a ɛhyɛ wɔn ahoyera no kɔ ɔsoro daa daa. Awia ne anadwo, ahomegyeɛ nni hɔ ma wɔn a wɔsom aboa no ne ne sɛso ohoni ne obiara a wɔde ne din ahyɛ no agyiraeɛ no.” 12 Yei enti na ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nkurɔfoɔ ne wɔn a wɔdi Onyankopɔn mmara so, na wɔgye Yesu di no nya boasetɔ no.
13 Afei, metee nne bi firi ɔsoro a ɛkaa sɛ, “Twerɛ yei. Nhyira ne awufoɔ a wɔwu Awurade mu firi seesei rekɔ yi.”
14 Mehunuu omununkum fitaa bi na obi a ɔte sɛ Onipa Ba a sikakɔkɔɔ ahenkyɛ hyɛ no na ɔkura kantankrankyi nnamnnam bi wɔ ne nsam. 15 Afei, ɔbɔfoɔ foforɔ bi firii asɔredan no mu pueeɛ, teaam kyerɛɛ deɛ ɔte omununkum no so no sɛ, “Fa wo kantankrankyi no twa ɛfiri sɛ otwaberɛ no aduru, asase no aso aba a ɛsɛ sɛ wɔtwa!” 16 Enti, deɛ ɔte omununkum so no hwim ne kantankrankyi asase so maa ɛtwaa asase so nnɔbaeɛ.
17 Afei, mehunuu ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔfiri ɔsoro asɔredan mu apue a ɔno nso kura kantankrankyi nnamnnam bi. 18 Ɔbɔfoɔ foforɔ bi a ɔno nso hwɛ ogya no firi afɔrebukyia no mu pueeɛ. Ɔteaa ɔbɔfoɔ a ɔkura kantankrankyi nnamnnam no sɛ, “Fa wo kantankrankyi nnamnnam no twa asase so bobe no esia esia ɛfiri sɛ, nʼaba no abere.” 19 Enti, ɔbɔfoɔ no hwim ne kantankrankyi no wɔ asase so de twitwaa bobe aba no na ɔde kɔguu Onyankopɔn abufuo nsakyiamena kɛseɛ no mu. 20 Wɔtiatiaa bobe no so wɔ nsakyiamena a ɛwɔ kuropɔn no mfikyire, na mogya firii bobe no mu teneeɛ sɛ asubɔnten akwansini ahaanu a emu dɔ nso bɛyɛ anammɔn enum.
<- Adiyisɛm 13Adiyisɛm 15 ->