Yohane Adiyisɛm
1 Nwoma yi fa adiyisɛm a Onyankopɔn de maa Yesu Kristo sɛ ɔnkyerɛ nʼasomfoɔ deɛ ɛrebɛba no ho. Kristo somaa ne ɔbɔfoɔ kɔɔ nʼakoa Yohane nkyɛn kɔdaa asɛm yi adi kyerɛɛ no, 2 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a Yohane bɛka biribiara a ɔhunuiɛ. Yei ne nʼadansedie ne asɛm a ɛfiri Onyankopɔn nkyɛn ne nokorɛ a Yesu Kristo daa no adi no. 3 Nhyira nka obiara a ɔbɛkan saa nwoma yi, na nhyira nka wɔn nso a wɔtie adiyisɛm no na wɔdi so sɛdeɛ wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no. Ɛberɛ no abɛn.
8 Awurade Onyankopɔn Otumfoɔ no se, “Mene Alfa ne Omega[a] a ɔwɔ hɔ seesei na ɔwɔ hɔ dada na ɔrebɛba no.”
12 Medanee mʼani pɛɛ sɛ mehunu deɛ ɔrekasa kyerɛ me no. Ɛhɔ na mehunuu sikakɔkɔɔ nkaneadua nson. 13 Na nkaneadua no mfimfini na onipa bi a ɔte sɛ Onipa Ba a ɔhyɛ atadeɛ yuu a ɛsi ne nan ase a sika abɔsoɔ kyekyere ne koko no gyina. 14 Na ne tirinwi yɛ fitaa te sɛ asaawafuturo anaasɛ sukyerɛmma, na nʼani dɛre sɛ ogya. 15 Ne nan ase hyerɛnee sɛ ayowaa a wɔanane wɔ fononoo mu na afei wɔatwi ho na ne nne woro so te sɛ nsuworosoɔ a ano yɛ den. 16 Na ɔkura nsoromma nson wɔ ne nsa nifa mu na sekan anofanu a ɛyɛ nnam firi nʼanom baeɛ. Na nʼanim hyerɛn te sɛ owigyinaeɛ awia.
17 Mehunuu no no, mekɔhwee ne nan ase te sɛ owufoɔ. Ɔde ne nsa nifa too me so kaa sɛ, “Nsuro! Mene Ɔkannifoɔ ne Okyikafoɔ. 18 Mene ɔteasefoɔ no! Mewuiɛ, nanso seesei mete ase daa daa. Mekura owuo ne asaman safoa.
19 “Enti afei twerɛ nneɛma a wohunu; deɛ wohunu no seesei ne deɛ ɛbɛba akyire no, twerɛ. 20 Nsoromma nson a wohunu wɔ me nsa nifa mu ne sika nkaneadua no nkyerɛaseɛ a ɛyɛ ahintasɛm no ni; Nsoromma nson no yɛ asafo nson no abɔfoɔ, ɛnna nkaneadua nson no nso yɛ asafo nson no.”
Adiyisɛm 2 ->