Dwom 16
Dawid mpaeɛbɔ.
1 Bɔ me ho ban, Ao Onyankopɔn,
na wo mu na menya hintabea.
2 Meka kyerɛɛ Awurade sɛ,
“MʼAwurade ne wo;
menni adepa biara ka wo ho.”
3 Ahotefoɔ a wɔwɔ asase no so deɛ,
wɔne animuonyamfoɔ a
mʼanigyeɛ wɔ wɔn mu.
4 Wɔn a wɔdi anyame afoforɔ akyire no
wɔn awerɛhoɔ bɛdɔɔso.
Merenyi wɔn mogya apaeɛ no bi
na meremfa mʼano memmɔ wɔn din.
5 Awurade, wode me kyɛfa ne me kuruwa ama me;
woama me kyɛfa anya banbɔ.
6 Mʼahyeɛ akɔdeda mmea a ɛhɔ yɛ ahomeka;
ampa ara mewɔ agyapadeɛ a ɛho yɛ anigye.
7 Mɛkamfo Awurade a ɔtu me fo;
na anadwo mpo mʼakoma kyerɛkyerɛ me.
8 Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
9 Ɛno enti, me kra ani gye, na mede me tɛkrɛma di ahurisie;
me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu,
10 ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.
11 Woakyerɛ me nkwagyeɛ kwan,
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim,