Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
Dwom 15
Dawid dwom.
1 Awurade, hwan na ɔbɛsoeɛ wo kronkronbea hɔ?
Hwan na ɔbɛtena wo bepɔ kronkron no so?
 
2 Deɛ ne ho nni asɛm
na ɔyɛ deɛ ɛtene,
deɛ ɔka nokorɛ a ɛfiri nʼakomam
3 na ɔmfa ne tɛkrɛma nsɛe nnipa
deɛ ɔnnyɛ ne yɔnko bɔne
na ɔmmu ne yɔnko onipa abomfiaa,
4 deɛ ɔbu afideyɛni animtiaa
na ɔde anidie ma wɔn a wɔsuro Awurade,
deɛ ɔdi ne ntam so
ɛberɛ a ɛtia no mpo,
5 deɛ ɔde ne sika bɔ bosea a ɔnnye nsiho
na ɔnnye adanmudeɛ ntia deɛ ɔdi bem.
 
Deɛ ɔyɛ yeinom no
renhinhim da.

<- Nnwom 14Nnwom 16 ->