Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
Dwom 133
Ɔsoroforɔ dwom. Dawid deɛ.
1 Hwɛ ɛyɛ a ɛyɛ ne fɛ a ɛyɛ fɛ
sɛ anuanom bom tena faako!
 
2 Ɛte sɛ ngo a ɛsom bo a wɔahwie agu apampam,
na ɛsiane kɔgu bɔgyesɛ mu,
ɛsiane kɔgu Aaron bɔgyesɛ mu,
ma ebi kɔgu nʼatadeɛ abakɔn so.
3 Ɛte sɛ Hermon bosuo a
ɛtɔ gu Bepɔ Sion so.
Ɛhɔ na Awurade ahyɛ ne nhyira,
nkwa a ɛtoɔ ntwa da no.

<- Nnwom 132Nnwom 134 ->