Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
Dwom 116
1 Medɔ Awurade ɛfiri sɛ, ɔtee me nne.
Ɔtee me mmɔborɔhunu su.
2 Esiane sɛ ɔbrɛɛ nʼaso maa me enti,
mɛfrɛ no wɔ ɛberɛ a mete ase yi.
 
3 Owuo nhoma kyekyeree me,
ɛda ho ahometeɛ baa me so,
ɔhaw ne awerɛhoɔ hyɛɛ me so.
4 Afei mebɔɔ Awurade din kaa sɛ,
“Ao Awurade, gye me nkwa!”
 
5 Awurade yɛ ɔdomfoɔ ne ɔteneneeni;
ayamhyehyeɛ ahyɛ yɛn Onyankopɔn ma.
6 Awurade bɔ ɔwɛmfoɔ ho ban;
ɛberɛ a mewɔ ahohiahia mu no, ɔgyee me.
 
7 Nya abotɔyam bio, Ao me kra,
ɛfiri sɛ Awurade ne wo adi no yie.
 
8 Na wo, Ao Awurade, woagye me kra afiri owuo mu;
woamma mʼani amporo nisuo,
na woamma me nan ansunti,
9 sɛ mɛnante Awurade anim
wɔ ateasefoɔ asase so.
 
10 Megye diiɛ; ɛno enti mekaa sɛ,
“Mewɔ ahohia kɛseɛ mu.”
11 Na mʼabasamtuo mu, mekaa sɛ,
“Nnipa nyinaa yɛ atorofoɔ.”
 
12 Ɛdeɛn na mɛtumi de atua Awurade ka
wɔ ne papa a wayɛ ama me nyinaa?
 
13 Mɛma nkwagyeɛ kuruwa no so
na mabɔ Awurade din.
14 Mɛdi ɛbɔ a mahyɛ Awurade no nyinaa so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim.
 
15 Nʼahotefoɔ wuo
yɛ aboɔden wɔ Awurade ani so.
16 Ao Awurade, ampa ara meyɛ wo ɔsomfoɔ;
meyɛ wo ɔsomfoɔ, wʼafenaa babarima;
wayi me afiri me mpɔkyerɛ mu.
 
17 Mɛbɔ aseda afɔdeɛ ama wo
na mabɔ Awurade din.
18 Mɛdi me bɔ a mahyɛ Awurade no so
wɔ ne nkurɔfoɔ nyinaa anim,
19 wɔ adihɔ a ɛwɔ Awurade fie
wɔ wo mfimfini, Ao Yerusalem.
 
Monkamfo Awurade.

<- Nnwom 115Nnwom 117 ->