Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
Dwom 110
Dawid dwom.
1 Awurade ka kyerɛɛ me Wura sɛ,
“Tena me nifa so
kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.”
 
2 Awurade bɛtrɛ wʼahempoma denden mu afiri Sion;
na wobɛdi ɔhene wɔ wʼatamfoɔ so.
3 Wʼakodɔm bɛyi wɔn akoma mu
ɛda a wobɛkɔ sa.
Tumi kronkron bɛyɛ wʼaduradeɛ
na wo mmabunu bɛba wo nkyɛn
sɛdeɛ bosuo gugu anɔpahema.
 
4 Awurade aka ntam
na ɔrensesa nʼadwene:
“Woyɛ daapem ɔsɔfoɔ
te sɛ Melkisedek sɛso.”
 
5 Awurade wɔ wo nifa so;
ɔbɛdwerɛ ahemfo wɔ nʼabufuhyeɛ da no.
6 Ɔbɛbu amanaman atɛn aboaboa afunu ano;
na wadwerɛ sodifoɔ a wɔwɔ asase so nyinaa.
7 Ɔbɛnom asuwa a ɛda ɛkwan nkyɛn mu nsuo
enti ɔbɛdi nkonim.
Ɔhene no bɛnom asuwa a ɛda kwankyɛn mu nsuo,
na wanya ahoɔden, na wagyina nkonimdie mu.

<- Nnwom 109Nnwom 111 ->