Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site
Dwom 101
Dawid Dwom.
1 Mɛto wo dɔ ne wo tenenee ho dwom;
Ao Awurade, mɛto ayɛyie dwom ama wo.
2 Mɛhwɛ yie abu ɔbra a ɛho teɛ.
Dabɛn na wobɛba me nkyɛn?
 
Mede akoma a afɔdie nni mu
bɛnante me fie.
3 Meremfa mʼani nsi
adeɛ a ɛyɛ tane biara so.
 
Mekyiri nnipa a wɔnni gyidie;
Me ne wɔn nni hwee yɛ.
4 Nnipa a wɔn akoma yɛ kontonkyi remmɛn me;
me ne bɔne nni hwee yɛ.
 
5 Obiara a ɔdi ne yɔnko ho nsekuro wɔ kɔkoam no,
ɔno na mɛsɛe;
deɛ ɔwɔ ahantan ani ne ahomasoɔ akoma,
ɔno na merennyegye ne so.
 
6 Mʼani bɛkɔ anokwafoɔ a wɔwɔ asase no soɔ no so
na me ne wɔn atena;
deɛ ne nanteɛ ho nni asɛm no,
ɔno na ɔbɛsom me.
 
7 Deɛ ɔyɛ ɔdaadaafoɔ biara
rentena me fie;
deɛ ɔtwa nkontompo no
rennyina mʼanim.
 
8 Adekyeeɛ biara,
mɛsɛe amumuyɛfoɔ a wɔwɔ asase yi so nyinaa;
na mapam ɔdebɔneyɛfoɔ biara
afiri Awurade kuropɔn mu.

<- Nnwom 100Nnwom 102 ->