1 Anuanom, asɛm a mede rewie ne sɛ, momma mo ani nnye wɔ Awurade mu. Ɛnha me sɛ mɛti nsɛm a matwerɛ dada no mu. Ɛyɛ ma mo akwankyerɛ.
7 Nanso, nneɛma a na mefa no sɛ ɛyɛ mfasoɔ nyinaa no, ɛsiane Kristo enti, ayɛ adehwereɛ. 8 Ɛnyɛ ɛno nko, seesei megye medi nso sɛ biribiara nkyɛn sɛ wode wo ho bɛto Kristo Yesu a ɔyɛ mʼAwurade no so. Ne enti, mato biribiara atwene. Mefa biribiara sɛ nneɛma hunu bi, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, me nsa bɛka Kristo, 9 na mahunu sɛ me ne no ayɛ baako. Afei, meremfa mʼahoɔden mpere sɛ mɛyɛ pɛ. Merenhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri Mmara no mu bio. Na mmom mɛhwehwɛ pɛyɛ a ɛfiri gyidie mu. Mɛhwehwɛ pɛyɛ a ne fapem ne Kristo ne Onyankopɔn mu gyidie. 10 Deɛ merehwehwɛ ara ne sɛ, mɛhunu Kristo na mɛnya ne wusɔreɛ no mu suahunu, na mahunu nʼamaneɛ no bi, na mayɛ sɛ ɔno wɔ ne owuo no mu, 11 na mewɔ anidasoɔ sɛ, me nso me owuo akyi, mɛsɔre afiri owuo mu.
15 Ɛsɛ sɛ yɛn a yɛnyini wɔ Honhom mu no nyinaa dwene saa. Sɛ mo mu bi nso wɔ adwene foforɔ a, Onyankopɔn bɛda no adi akyerɛ mo. 16 Nanso deɛ yɛn nsa aka dada no, momma yɛnkɔ so saa ara nkura mu.
17 Anuanom, monkɔ so nsuasua me. Yɛama mo nhwɛso pa, enti montie wɔn a wɔwɔ saa nhwɛso pa no. 18 Maka saa asɛm yi akyerɛ mo sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔn abrabɔ ma wɔyɛ Kristo wu a ɔwuu wɔ asɛnnua no ho no atamfoɔ. 19 Saa nnipa no bɛkɔ ɔsɛeɛ mu, ɛfiri sɛ, wɔn nyame ara ne wɔn honam mu nneɛma. Wɔma wɔn ho so wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔn ani wu ho no ho, na wɔdwene ewiase nneɛma nko ara ho. 20 Yɛn deɛ, yɛyɛ ɔsoro mma na yɛde ahosɛpɛ twɛn yɛn Agyenkwa a ɔyɛ yɛn Awurade Yesu Kristo a ɔfiri ɔsoro bɛba no. 21 Ɔnam tumi a ɛtumi ma biribiara hyɛ nʼase no so bɛsakra yɛn onipadua a ɛyɛ mmerɛ na ɛwu no, na wayɛ no sɛ ne deɛ a ɛwɔ animuonyam no.
<- Filipifoɔ 2Filipifoɔ 4 ->