3 Mose ka kyerɛɛ nkurɔfoɔ no sɛ, “Monyi mmarima no mu bi na wɔnkɔ Awurade aweretɔ sa a ɔde tia Midianfoɔ no. 4 Momfa Israel abusua biara mu nnipa apem nkɔ ɔsa no.” 5 Wɔyɛɛ saa nyaa mmarima mpem dumienu siesie wɔn maa ɔko no. 6 Afei Mose ma wɔkɔeɛ, nnipa apem baako a wɔfiri abusuakuo biara mu. Ɔsɔfoɔ Eleasa babarima Pinehas na ɔdii wɔn anim kɔɔ ɔko no. Wɔrekɔ no, wɔde kronkronneɛ a ɛwɔ kronkronbea hɔ ne totorobɛnto a wɔbɛhyɛn akanyane akodɔm no kɔeɛ.
7 Na sɛdeɛ Awurade hyɛeɛ no, wɔkumm Midian mmarima nyinaa wɔ ɔko no mu. 8 Wɔn a wɔkumm wɔn no bi ne Midian ahemfo baanum a wɔn edin de Ewi, Rekem, Sur, Hur ne Reba. Beor babarima Balaam nso, wɔkumm no. 9 Afei, Israel asraafoɔ no kyekyeree Midian mmaa ne mmɔfra nyinaa ne wɔn anantwie ne wɔn nnwan fom nneɛma pii kaa ho. 10 Wɔtoo Midian nkuro ne nkuraa nyinaa mu ogya, hyee no pasaa. 11 Wɔfaa asadeɛ ne afodeɛ a nnipa no ne mmoa ka ho. 12 Wɔde nneduafoɔ no ne ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no nyinaa brɛɛ Mose, ɔsɔfoɔ Eleasa ne Israelfoɔ a na wɔabɔ wɔn atenaseɛ wɔ Moab bepɔ so baabi a na ɛbɛn Asubɔnten Yordan a wɔtwa firi Yeriko ba hɔ no.
13 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa ne mpanimfoɔ a wɔtuatua nnipa no ano no kɔhyiaa nkonimdifoɔ no ɛkwan. 14 Nanso, Mose bo fuu mpanimfoɔ a wɔtuatua akodɔm no ano no.
15 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moankunkum mmaa no? 16 Yeinom ara ne nnipa no a wɔtie Balaam enti wɔmaa Israelfoɔ gyaa Awurade kɔsom abosom wɔ bepɔ Peor so a enti ɛmaa ɔhaw ne abɛbrɛsɛ bebree baa yɛn so bɛsɛee yɛn no. 17 Monkunkum mmarimaa no nyinaa. Afei, monkunkum mmaa a wɔne mmarima adeda no nyinaa. 18 Mommfa mo nsa nka mmaayewa nketewa no. Wɔn deɛ, momfa wɔn na mo ne wɔn nkɔtena.
19 “Afei, momfiri atenaeɛ ha nkɔtena baabi nnanson, ɛfiri sɛ, mo nyinaa moakum nnipa anaa mode mo nsa aka efunu. Monnwira mo ho ne mo nneduafoɔ ne nnansa ne ne nnanson so. 20 Monkae na monnwira mo ntadeɛ ne biribiara a wɔde aboa nwoma, abirekyie nwi anaa dua ayɛ.”
21 Afei, ɔsɔfoɔ Eleasa ka kyerɛɛ mmarima a wɔkɔɔ ɔko no sɛ, “Yei ne mmara a Awurade ahyɛ a waka akyerɛ Mose. 22 Biribiara a ɛtumi gyinaa ogya ano te sɛ sikakɔkɔɔ, dwetɛ, kɔbere, dadeɛ, sanya anaa sumpii no, 23 ɛsɛ sɛ wɔde ka ogya sɛdeɛ ɛho bɛte. Yei akyi, ɛsɛ sɛ wɔde ahodwira nsuo dwira ho ma ɛho te. Nanso, biribiara a ɛrentumi nnyina ogya ano no deɛ, wɔmfa nsuo nnwira ho. 24 Nnanson so, ɛsɛ sɛ mosi mo ntadeɛ na modwira mo ho ansa na moasane aba atenaeɛ hɔ.”
32 Afodeɛ a ɛkaeɛ a akofoɔ no faeɛ no dodoɔ yɛ nnwan mpem ahansia aduɔson enum (675,000); 33 anantwie mpem aduɔson mmienu (72,000); 34 mfunumu mpem aduosia baako (61,000); 35 ne mmaayewa mpem aduasa mmienu (32,000).
42 Afodeɛ no a Israelfoɔ no nyaa no na ɛdidi soɔ yi: 43 nnwan mpem ahasa aduasa nson ne ahanum (337,500), 44 anantwie mpem aduasa nsia (36,000), 45 mfunumu Mpem aduasa ne ahanum (30,500) ne 46 mmaayewa mpem dunsia (16,000). 47 Nnipa no kyɛfa a wɔnyaeɛ no, Mose yiyii nneduafoɔ ne mmoa aduonum biara mu baako de maa Lewifoɔ a wɔhwɛ Awurade Ahyiaeɛ Ntomadan so no. Wɔyɛɛ yei nyinaa sɛdeɛ Awurade hyɛɛ Mose no.
48 Afei, asraafoɔ mpanimfoɔ baa Mose nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ, 49 “Owura yɛabu nnipa a yɛde wɔn kɔɔ ɔko no nyinaa ano akyerɛ wo na yɛn mu baako koraa anyera. 50 Ɛno enti, yɛfiri deɛ yɛnyaa no ɔko no mu no bi mu rebɛda Awurade ase. Yɛn asedadeɛ no yɛ sika adwinneɛ, nkapo, nkawa, nsonkawa ne kɔnmuadeɛ. Yeinom bɛyɛ mpatadeɛ ama yɛn kra wɔ Awurade anim.”
51 Mose ne ɔsɔfoɔ Eleasa gyee saa akyɛdeɛ yi a ɛyɛ sikakɔkɔɔ ne adwinneɛ firii asraafoɔ mpanimfoɔ no nkyɛn. 52 Ne nyinaa mu sikakɔkɔɔ a asahene no de baeɛ sɛ akyɛdeɛ a wɔde rebrɛ Awurade no ano si nkariboɔ kilogram ɔha ne aduɔkron. 53 Na asraafoɔ no afa ɔko no mu nneɛma a wɔnyaeɛ no bi. 54 Enti Mose ne Eleasa gyee akyɛdeɛ no firii asraafoɔ mpanimfoɔ no hɔ, na wɔde sikakɔkɔɔ no baa Ahyiaeɛ Ntomadan no mu sɛ ɛnyɛ nkaeɛ adeɛ mma Awurade sɛ Israelfoɔ yɛ ne dea.
<- 4 Mose (Numeri) 304 Mose (Numeri) 32 ->