2 Na nsuo a wɔbɛnom nni hɔ enti, nnipa no sɔre tiaa Mose ne Aaron. 3 Nnipa no bɔɔ Mose soboɔ sɛ, “Sɛ yɛne yɛn nuanom wuwuu wɔ Awurade anim a anka yɛpɛ. 4 Mode Awurade ɔman ne yɛn nnwan ne yɛn anantwie aba ɛserɛ yi so sɛ yɛmmewuwu? 5 Adɛn enti na moyii yɛn firii Misraim de yɛn baa asase bɔne yi so? Borɔdɔma, atokoɔ, bobe ne ateaa nni asase yi so. Nsuo a yɛbɛnom nso nni ha.”
6 Mose ne Aaron sɔre kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano de wɔn anim butubutuu fam wɔ Awurade anim; na wɔhunuu Awurade animuonyam. 7 Na Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 8 “Momfa Aaron abaa no na wo ne Aaron mfrɛ nnipa no nyinaa. Wɔrehwɛ mo no, kasa kyerɛ ɔbotan a ɛwɔ nohoa no sɛ nsuo mfiri mu mmra. Mobɛnya wɔn nsuo a ɛbɛso wɔne wɔn anantwie afiri ɔbotan no mu!”
9 Mose yɛɛ deɛ Awurade kaeɛ no. Ɔfaa abaa no firii baabi a wɔde asie wɔ Awurade anim, 10 na Mose ne Aaron frɛɛ nnipa no nyinaa ma wɔbɛboaa ɔbotan no ho na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adɔnyɛfoɔ, montie! Yɛmma nsuo mfiri saa ɔbotan yi mu mmra anaa?” 11 Afei Mose maa abaa no so de bɔɔ ɔbotan no mprenu maa nsuo bebree firii mu baeɛ maa nnipa no ne wɔn anantwie nomeeɛ.
12 Nanso, Awurade ka kyerɛɛ Mose ne Aaron sɛ, “Esiane sɛ moante me ho wɔ Israelfoɔ no anim no enti, moremfa wɔn nkɔ asase a mehyɛɛ wɔn ho bɔ no so!”
13 Wɔfrɛɛ beaeɛ hɔ Meriba a aseɛ ne: Adɔnyɛ Nsuo, ɛfiri sɛ, ɛhɔ ne baabi a Israelfoɔ tee Awurade atua na, ɛhɔ ara nso na Awurade daa ne ho adi kyerɛɛ wɔn sɛ ɔyɛ kronkron.
18 Nanso, Edomhene kaa sɛ,
19 Israelfoɔ no buaa sɛ,
20 Nanso Edomhene buaa sɛ,
27 Enti, Mose yɛɛ deɛ Awurade hyɛɛ no sɛ ɔnyɛ no. Wɔn baasa nyinaa kɔɔ bepɔ Hor so a nnipa no nyinaa hwɛ wɔn. 28 Wɔduruu bepɔ no apampam no, Mose yii Aaron asɔfotadeɛ no de hyɛɛ ne babarima Eleasa, na Aaron wuu wɔ bepɔ no apampam. Mose ne Eleasa sane wɔn akyi, 29 na wɔbɔɔ nnipa no wu a Aaron awuo no ho amaneɛ no, wɔsuu no adaduasa.
<- 4 Mose (Numeri) 194 Mose (Numeri) 21 ->