3 Na Mose yɛ ɔhobrɛaseni sene obiara a ɔte asase yi so.
4 Ntɛm so, ɔfrɛɛ Mose, Aaron ne Miriam kɔɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no mu. Ɔhyɛɛ wɔn sɛ, “Mo baasa no mommra ha.” Enti wɔbɛgyinagyinaa Awurade anim. 5 Afei, Awurade nam omununkum no mu siane ba bɛgyinaa Ahyiaeɛ Ntomadan no kwan ano, na ɔfrɛɛ Aaron ne Miriam. Ɛberɛ a wɔtwe kɔɔ wɔn anim no, 6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Montie me,
9 Afei, Awurade bo fuu wɔn denden pa ara ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ.
10 Ɛberɛ a omununkum no refiri Ahyiaeɛ Ntomadan no atifi no, amonom hɔ ara, kwata bɛduruu Miriam ho fitaa. Aaron hunuu asɛm a asi no, 11 ɔteaam sɛ, “Ao, Owura, nnyina saa bɔne yi so nntwe yɛn aso; yɛyɛ nkwaseafoɔ sɛ yɛyɛɛ adeɛ a ɛte saa. 12 Mma no nyɛ sɛ owufoɔ a ne fa aporɔ firi nʼawoɔ mu.”
13 Na Mose teaam frɛɛ Awurade sɛ, “Ao, Onyankopɔn, mesrɛ wo sɛ sa no yadeɛ!”
14 Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, “Sɛ nʼagya tee ntasuo guu nʼanim a, anka ne ho bɛgu fi nnanson. Monyi no mfiri atenaeɛ ha nkɔhyɛ baabi nnanson na akyire no, ɔbɛtumi aba bio.” 15 Enti wɔtwaa Miriam asuo firii atenaeɛ hɔ ma ɔkɔdii nnanson. Nnipa no twɛn kɔsii sɛ wɔsane de no baeɛ ansa na wɔretu kwan no bio.
16 Ɛno akyi, wɔfirii Haserot bɛbɔɔ atenaeɛ wɔ Paran ɛserɛ so.
<- 4 Mose (Numeri) 114 Mose (Numeri) 13 ->