Link to home pageLanguagesLink to all Bible versions on this site

1 Wɔwiee ɔfasuo no, na mesisii apono no wieeɛ no akyi, wɔyiyii apono no anohwɛfoɔ, nnwomtofoɔ ne Lewifoɔ. 2 Meyii me nuabarima Hanani sɛ ɔne Hanania nni Yerusalem so. Na Hanania yɛ ɔsahene a ɔhwɛ aban no so, na ɔyɛ ɔnokwafoɔ a ɔsuro Onyame sene afoforɔ bebree. 3 Meka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Adekyeeɛ mu, sɛ ahuhuro ba a, mommma apono no ano nna hɔ. Na sɛ aponoanohwɛfoɔ wɔ adwuma mu koraa a, montoto mu, na mommram no. Monyi wɔn a wɔtete Yerusalem no bi, na wɔnnwɛn a obiara ba ne ɛberɛ a wɔahyɛ ama no no pɛpɛɛpɛ. Ebi bɛwɛn wɔ awɛneeɛ hɔ, na ebi nso awɛn wɔ wɔn ankasa afie anim.”

Nehemia Twerɛ Nnipa No Edin
4 Saa ɛberɛ no na kuropɔn no so, na emu da hɔ, nanso na nnipa no nnɔɔso. Afie kakra bi na na ɛsisi kuropɔn no mu. 5 Na me Onyankopɔn maa me adwene sɛ memfrɛ kuropɔn no mu ntuanofoɔ ne ɔmanfoɔ no nyinaa nhyia, na wɔntwerɛ wɔn din. Na mahunu nnipa a wɔdii ɛkan sane baa Yuda no abusuadua nwoma. Nsɛm a na wɔatwerɛ agu mu nie:
 
6 Yeinom ne Yudafoɔ a wɔtwaa wɔn asuo kɔɔ amantam bi so, na wɔfirii nnommumfa mu sane baa Yerusalem ne Yuda nkuro afoforɔ so. Ɔhene Nebukadnessar na ɔtwaa wɔn asuo kɔɔ Babilonia. 7 Wɔn ntuanofoɔ yɛ Serubabel, Yesua, Nehemia, Asaria, Raamia, Nahamani, Mordekai, Bilsan, Misperet, Bigwai, Nehum ne Baana.
 
Israelfoɔ dodoɔ a wɔfiri asutwa mu baeɛ no nie:
Asaf asefoɔ 148
  • Nehemia
  • <
  • 7
  • >