5 Ne mpɛn enum so no, Sanbalat ɔsomfoɔ kura krataa a wɔatwerɛ baeɛ. 6 Na krataa no mu nsɛm nie:
8 Mebuaa sɛ, “Wonim sɛ woretwa atorɔ. Asɛm a woreka no, nokorɛ baako koraa nni mu.”
9 Huna na na wɔpɛ sɛ wɔhunahuna yɛn. Na wɔsusu sɛ wɔbɛtumi abu yɛn aba mu na yɛgyae adwuma no yɛ. Ɛno enti, mebɔɔ mpaeɛ sɛ mɛnya ahoɔden de atoa dwumadie no so.
10 Akyire no, mekɔsraa Delaia babarima a ɔyɛ Mehetabel nana Semaia a ɔhyɛ ne fie na ɔnnkɔ baabiara no. Ɔkaa sɛ, “Ma yɛn nhyia wɔ Onyankopɔn asɔredan no mu, na yɛmmram apono no akyi. Wʼatamfoɔ reba abɛkum wo anadwo yi.”
11 Na mebuaa sɛ, “Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me dwane amanehunu anaa? Enti, ɛsɛ sɛ obi a ɔte sɛ me bɛkɔ akɔhinta Asɔredan mu de apere me nkwa anaa? Dabi, merenyɛ saa!” 12 Mehunuu sɛ Onyankopɔn nkasa nkyerɛɛ no, na ne nkɔm a ɔhyɛeɛ no tia me, ɛfiri sɛ, Tobia ne Sanbalat abɔ no paa. 13 Na wɔsusu sɛ wɔbɛhunahuna me, na mafa nʼadwenkyerɛ no so ayɛ bɔne, na wɔnam so abɔ me soboɔ, asɛe me din.
17 Saa nnafua aduonum mmienu no mu, nkrataa bebree dii akɔneaba wɔ Tobia ne Yuda adwumayɛfoɔ no ntam. 18 Ɛfiri sɛ, na Yudafoɔ bebree aka ntam sɛ, wɔbɛsom no. Afei, na Tobia ase ne Arah babarima Sekania. Na Sekania babarima Yehohanan nso aware Berekia babarima Mesulam babaa. 19 Wɔkɔɔ so kaa sɛdeɛ Tobia ho yɛ nwanwa fa no kyerɛɛ me, na afei, wɔkaa biribiara a mekaeɛ nso kyerɛɛ no. Na Tobia de ahunahuna nkrataa bebree brɛɛ me.
<- Nehemia 5Nehemia 7 ->