5 Enti, Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no bisaa Yesu sɛ, “Adɛn enti na wʼasuafoɔ no nni yɛn amanneɛ a ɛfiri tete no so? Ɛfiri sɛ, wɔdidi a, wɔnni ɛkan nhohoro wɔn nsa sɛdeɛ amanneɛ kyerɛ no.”
6 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Asɛm a Yesaia ka faa mo ho sɛ,
9 “Moahyɛ da sɛ mobɛpo Onyankopɔn mmara no, na moatiatia so, ama mo amanneɛ no atim. 10 Ɛho nhwɛsoɔ bi ne sɛ, Mose de Onyankopɔn mmara a ɛka sɛ, ‘Di wʼagya ne wo maame ni’ no maa. Ɔkaa sɛ, ‘obiara a ɔbɛkasa atia nʼagya anaa ne maame no, ɛsɛ sɛ wɔkum no.’ 11 Nanso, moka sɛ, ɛyɛ sɛ obi bɛka akyerɛ nʼagya anaa ne maame a adeɛ bi hia no no sɛ, ‘Merentumi mmoa mo! Ɛfiri sɛ, mede deɛ anka ɛsɛ sɛ mede ma mo no ama Onyankopɔn.’ 12 Enti, mobu Onyankopɔn mmara a ɔhyɛeɛ no so, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛtumi abɔ mo amanneɛ ho ban. 13 Yei yɛ nhwɛsoɔ baako pɛ. Nanso, bebree ka ho.”
14 Afei, Yesu frɛɛ nnipakuo no baa ne nkyɛn, ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyinaa montie asɛm a mereka yi yie, na monte aseɛ. 15 Adeɛ biara a ɛkɔ onipa mu no, ngu ne ho fi. Na mmom, deɛ ɛbɛfiri onipa mu aba no, na ɛgu ne ho fi. 16 Deɛ ɔwɔ aso a ɔbɛtie no ntie.”
17 Afei, Yesu firii nnipakuo no mu kɔɔ efie no, nʼasuafoɔ no bisaa no asɛm a ɔkaeɛ no ase. 18 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Mo nso monte asɛm a mekaeɛ no ase? Monhunu sɛ, deɛ modie no ngu mo ho fi anaa? 19 Ɛfiri sɛ, deɛ modie biara no ne mo akoma nni hwee yɛ, na mmom, ɛfa ɔyafunu no mu kɛkɛ.”
20 Ɔtoaa so sɛ, “Deɛ ɛfiri onipa mu ba no na ɛgu ne ho fi. 21 Afei, deɛ ɛfiri nnipa akoma mu ba no, ɛde adwamammɔ, korɔno, awudie, 22 adifudepɛ, amumuyɛ, nsisie, ahohwie, anibereɛ, abususɛm, ahantan ne nkwaseasɛm ba. 23 Saa nnebɔne yi nyinaa firi onipa mu na ɛba, na ɛnonom na ɛgu onipa ho fi a ɛmma ɔmfata Onyankopɔn anim.”
27 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛsɛ sɛ mma no mee ansa. Na ɛnyɛ sɛ wɔde mma aduane ma nkraman.”
28 Ɔbaa no nso buaa no sɛ, “Owura, ɛyɛ nokorɛ deɛ, nanso ɛyɛ a, wɔde aduane a aka wɔ mmɔfra no prɛte mu no bi ma nkraman a wɔhyehyɛ ɛpono no ase no.”
29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Wo mmuaeɛ pa no enti, masa wo babaa no yadeɛ. Kɔ efie. Honhommɔne no afiri ne mu afi.”
30 Ɔduruu efie no, ɔhunuu sɛ ne babaa no da mpa so dinn a honhommɔne no afiri ne mu ampa ara.
33 Yesu sɔɔ ne mu de no firii nnipakuo no mu. Afei, ɔde ne nsateaa hyɛɛ ɔbarima no asom, tee ntasuo de kaa ne tɛkrɛma. 34 Ɔhwɛɛ soro, guu ahome teaam sɛ, “Hefata!” Aseɛ ne, “bue!” 35 Amonom hɔ ara, ɔbarima no tumi tee asɛm, na ɔhyɛɛ aseɛ kasaeɛ!
36 Yesu bɔɔ nnipakuo no ano sɛ, wɔmmmɔ asɛm no dawuro nkyerɛ obiara. Nanso, mpɛn dodoɔ a ɔbraa wɔn no, na trɛ ara na wɔn nso wɔretrɛ asɛm no mu. 37 Saa asɛm yi maa wɔn ho dwirii wɔn yie. Enti, wɔkaa sɛ, “Yesu ayɛ adeɛ nyinaa yie, ɔma asotifoɔ mpo te asɛm, na mumu nso kasa!”
<- Marko 6Marko 8 ->