2 Farisifoɔ bi baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ, “Wopene awaregyaeɛ so anaa?” Wɔbisaa no yei de sɔɔ no hwɛɛ.
3 Yesu nso bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na Mose ka faa awaregyaeɛ ho?”
4 Wɔbuaa sɛ, “Mose kaa sɛ ɛyɛ sɛ wɔgyae awadeɛ. Nʼasɛm a ɔkaeɛ ne sɛ, sɛ ɔbarima bi pɛ sɛ ɔgyaa ne yere awadeɛ a, ɔntwerɛ awaregyaeɛ krataa mfa mma ne yere no.”
5 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na ɔkaa saa? Merebɛkyerɛ mo deɛ enti a ɔkaa saa. Esiane mo akoma a apirim no enti na ɔkaa saa kyerɛɛ mo. 6 Ɛfiri adebɔ ahyɛaseɛ na Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa. 7 Yei enti na ɔbarima bɛgya nʼagya ne ne maame, 8 na ɔde ne ho akɔbɔ ne yere ho, na wɔn baanu no ayɛ honam korɔ. 9 Na deɛ Onyankopɔn aka abom no, ɛnsɛ sɛ onipa tete mu.”
10 Akyire no a ɔne nʼasuafoɔ no wɔ efie no, asuafoɔ no bisaa no saa asɛm korɔ no ara bio. 11 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ obi gyaa ne yere awadeɛ na ɔsane ware obi foforɔ a, na wabɔ adwaman. 12 Na sɛ ɔyere gyaa ne kunu awadeɛ, na ɔsane ware a, ɔno nso abɔ adwaman saa ara.”
18 Yesu bisaa no sɛ, “Adɛn na wofrɛ me onipa pa? Obiara nyɛ onipa papa gye ɔbaako; ɔne Onyankopɔn. 19 Ɛfa wʼasɛmmisa no ho nso, wonim mmaransɛm no: Nni awu, mmɔ adwaman, mmɔ korɔno, nni atorɔ, nsisi, di wʼagya ne wo maame ni.”
20 Aberanteɛ no ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, yeinom nyinaa mefiri me mmɔfraase na medii so.”
21 Yesu hwɛɛ aberanteɛ yi dinn, nyaa ɔdɔ bi maa no. Ɔka kyerɛɛ no sɛ, “Aka wo adeɛ baako. Kɔ na kɔtɔn biribiara a wowɔ, na fa sika no ma ahiafoɔ, na wobɛnya agyapadeɛ wɔ ɔsoro, na bra bɛdi mʼakyi.”
22 Aberanteɛ no tee saa asɛm yi no, nʼanim sesaeɛ, na ɔde awerɛhoɔ kɔeɛ, ɛfiri sɛ, na ɔwɔ ahonyadeɛ bebree.
23 Ɔrekɔ no, Yesu hwɛɛ no na ɔdanee ne ho ka kyerɛɛ nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛyɛ den ma osikani sɛ ɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie no mu!”
24 Asɛm a Yesu kaeɛ no maa asuafoɔ no ho dwirii wɔn. Yesu sane kaa bio sɛ, “Me mma, sɛ moahunu den a ɛyɛ ma wɔn a wɔwɔ ahonyadeɛ sɛ wɔbɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu? 25 Na ɛyɛ mmerɛ sɛ yoma bɛfa paneɛ aniwa mu sene sɛ osikani bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu.”
26 Asuafoɔ no ho dwiri wɔn mmorosoɔ na wɔbisaa no sɛ, “Ɛnneɛ na hwan na wɔbɛgye no nkwa?”
27 Yesu hwɛɛ wɔn dinn kaa sɛ, “Onipa fam deɛ, yei rentumi mma mu, na Onyankopɔn fam deɛ, biribiara bɛtumi aba mu.”
29 Yesu nso buaa no sɛ, “Merema mo ate aseɛ sɛ, obi nni hɔ a, me enti wagya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maame, agya ne mma anaasɛ agyapadeɛ a ɔbɛkɔ akɔka Asɛmpa no, 30 na ɔrennya efie, nuammarimanom, nuammaanom, maamenom, mma ne nsase mmɔho ɔha a ɔtaa nso ka ho! Yeinom nyinaa bɛyɛ ne dea wɔ asase yi so, na ewiase a ɛreba no mu deɛ, ɔbɛnya nkwa a ɛnni awieeɛ. 31 Na adikanfoɔ pii bɛdi akyire, na akyikafoɔ abɛdi ɛkan.”
36 Yesu bisaa wɔn sɛ, “Ɛdeɛn na mopɛ sɛ meyɛ ma mo?”
37 Wobuaa sɛ, “Ma yɛn mu baako ntena wo nifa so, na ɔbaako nso ntena wo benkum so wɔ wʼahennie mu hɔ!”
38 Nanso, Yesu maa wɔn mmuaeɛ sɛ, “Monnim deɛ mobisa no! Mobɛtumi anom awerɛhoɔ kuruwa nwononwono a ɛsɛ sɛ menom ano no anaa? Anaasɛ, mobɛtumi ama wɔde amanehunu asubɔ no abɔ mo asu?”
39 Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Yɛbɛtumi!”
41 Asuafoɔ a aka no tee deɛ Yakobo ne Yohane kɔbisaeɛ no, anyɛ wɔn dɛ. 42 Enti, Yesu frɛɛ wɔn ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monim sɛ ahene ne atumfoɔ a wɔwɔ ewiase no di wɔn a wɔhyɛ wɔn ase no so, 43 nanso mo deɛ, ɛnte saa wɔ mo ho. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɛsɛ sɛ ɔyɛ mo ɔsomfoɔ. 44 Na obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ ne nuanom so panin no ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn nyinaa akoa. 45 Me a meyɛ Onipa Ba no, mamma sɛ wɔnsom me na mmom, mebaeɛ sɛ merebɛboa afoforɔ, na mede me kra ayɛ mpata ama nnipa pii.”
48 Nnipa no bi teateaa no sɛ, “Mua wʼano!” Nanso ɔkɔɔ so teateaam denden sɛ, “Dawid ba, hunu me mmɔbɔ!”
49 Ɛberɛ a Yesu tee ne nne no, ɔgyina kaa sɛ, “Momfrɛ no mma me.”
51 Yesu bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wopɛ sɛ meyɛ mema wo?”
52 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ, na wo gyidie agye wo.” Na ntɛm ara onifirani no hunuu adeɛ, na ɔdii Yesu akyi.
<- Marko 9Marko 11 ->