5 Ɔtoo sika no guu asɔredan no mu, firii hɔ kɔhyɛɛ ahoma.
6 Asɔfoɔ mpanin no sesaa sika no kaa sɛ, “Yɛrentumi mfa saa sika yi mfra yɛn toɔ a yɛagyeɛ mu. Ɛfiri sɛ, yɛn mmara mma ho ɛkwan sɛ yɛbɛgye sika a wɔde abɔ awudie ho paa.” 7 Wɔdwennwenee ho sii gyinaeɛ sɛ, wɔde sika no bɛtɔ asase bi a wɔtu hɔ dɔteɛ de nwono nkukuo, na wɔde ɛhɔ ayɛ amusieeɛ ama ahɔhoɔ a wɔbɛwu wɔ Yerusalem no. 8 Enti na wɔda so frɛ saa asase no sɛ, “Mogya Asase” de bɛsi ɛnnɛ yi. 9 Yei maa deɛ Odiyifoɔ Yeremia kaa sɛ, “Wɔgyee dwetɛ mpɔ aduasa, ɛboɔ a Israelfoɔ sese hunuu sɛ ɛfata, 10 ɛnna wɔfiri mu tɔɔ asase firii anwomfoɔ nkyɛn, sɛdeɛ Awurade hyɛɛ me” no baa mu.
12 Nanso, ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin reka nsɛm gu Yesu so no, wankasa. 13 Pilato bisaa no sɛ, “Wonte deɛ wɔreka no anaa?” 14 Nanso, Yesu anka hwee ma ɛyɛɛ amrado no nwanwa.
19 Pilato gu so redi Yesu asɛm no, ne yere soma ma wɔbɛka kyerɛɛ no sɛ, “Gyaa onipa tenenee no na ɔnkɔ ne baabi ɛfiri sɛ, anadwo yi, mesoo ne ho daeɛ a ɛyɛ hu yie maa me ho yeraa me.”
20 Nanso, asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin kasa kyerɛɛ ɛdɔm no sɛ, wɔmmisa na wɔnnyaa Baraba mma wɔn na wɔnkum Yesu.
21 Enti, ɛberɛ a amrado no sane bisaa wɔn sɛ, “Nnipa baanu yi mu hwan na mopɛ nɛ megyaa no ma mo?”
22 Pilato bisaa wɔn bio sɛ, “Sɛ saa deɛ a, ɛnneɛ ɛdeɛn na menyɛ Yesu, mo Agyenkwa no?”
23 Pilato bisaa wɔn sɛ, “Adɛn nti? Bɔne bɛn na wayɛ?”
24 Afei, Pilato hunuu sɛ ɔyɛ asɛm no ho hwee a ɛnyɛ yie na basabasayɛ reba no, ɔmaa wɔsaa nsuo guu adeɛ mu brɛɛ no, ma ɔhohoroo ne nsa wɔ ɛdɔm no anim kaa sɛ, “Menni saa onipa tenenee yi mogya ho fɔ. Deɛ ɛbɛba biara no yɛ mo asɛm!”
25 Nnipadɔm no sane bɔ gyee so bio sɛ, “Ne mogya mmɛgu yɛn ne yɛn mma tiri so.”
26 Afei Pilato yii Baraba firii afiase hɔ de no maa wɔn. Ɔbɔɔ Yesu mmaa wieeɛ no, ɔde no maa Roma asraafoɔ no sɛ wɔmfa no nkɔ nkɔbɔ no asɛnnua mu.
38 Wɔbɔɔ awudifoɔ baanu bi asɛnnua mu kaa Yesu ho. Na ɔbaako sɛn ne nifa so ɛnna ɔbaako nso sɛn ne benkum so. 39 Nnipa a wɔsen faa baabi a wɔbɔɔ Yesu asɛnnua mu hɔ no nyinaa wosoo wɔn ti, dii Yesu ho fɛ sɛ, 40 “Ɛnyɛ wo na woseɛ sɛ wobɛtumi abubu asɔredan na wode nnansa asi no? Sɛ wo na woseɛ sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa ara a, ɛnneɛ siane firi asɛnnua no so si fam ma yɛnhwɛ!” 41 Saa ara nso na asɔfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanin bɛdii ne ho fɛ sɛ, 42 “Ɔgye afoforɔ, nanso ɔntumi nnye ne ho! Sɛ wone Israelfoɔ ɔhene no ampa ara a, siane firi asɛnnua no so si fam, na yɛnnye wo nni. 43 Ɔde ne ho too Onyankopɔn so. Afei, ma Onyankopɔn nnye no! Wanka nso sɛ, ‘Meyɛ Onyankopɔn Ba?’ ” 44 Awudifoɔ bi a wɔbɔɔ wɔne no asɛnnua mu no nso hyɛɛ aseɛ dii ne ho fɛw.
47 Wɔn a wɔgyina hɔ no bi ante aseɛ susuu sɛ ɔrefrɛ Elia.
48 Wɔn mu baako tuu mmirika kɔfaa sapɔ bi de bɔɔ nsã nwononwono bi mu de tuaa dua bi so de brɛɛ Yesu sɛ ɔnnom. 49 Nanso, nnipa no nkaeɛ no kaa sɛ, “Gyaa no na yɛnhwɛ sɛ Elia bɛba abɛgye no anaa.”
50 Afei, Yesu teaam denden bio gyaee ne honhom mu wuiɛ.
51 Ɛhɔ ara, ntoma a ɛtwa asɔredan no mu no mu suanee mmienu firi soro kɔsii fam. Asase wosoeɛ. Abotan mu paapaeɛ. 52 Adamena so buebueeɛ maa ateneneefoɔ a wɔawuwuo nyanenyaneeɛ. 53 Yesu wusɔreɛ akyi no, wɔfifirii wɔn adamena mu kɔɔ Yerusalem, kɔyii wɔn ho adi kyerɛɛ nnipa bebree.
54 Asraafoɔ a wɔwɔ hɔ no hunuu asase wosoɔ ne nsɛm a ɛsisii hɔ no, wɔn akoma tuu yie, ma wɔkaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi yɛ Onyankopɔn Ba.”
55 Saa ɛberɛ no na mmaa bebree a Yesu ho dɔ enti, wɔdii nʼakyi firi Galilea no gyinagyina akyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so. 56 Mmaa no bi ne Maria Magdalene ne Maria a ɔyɛ Yakobo ne Yosef maame. Na Sebedeo mmammarima no maame nso ka ho.
65 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mowɔ awɛmfoɔ. Momma wɔnkɔwɛn.” 66 Enti, wɔkɔtaree ɔboda no ano, maa awɛmfoɔ kɔwɛneeɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, obiara ntumi nkɔwura hɔ nkɔwia amu no.
<- Mateo 26Mateo 28 ->