6 “Ɔdasuom na wɔtee nteateamu sɛ, ‘Ayeforɔkunu no reba! Momfiri adi nkɔhyia no!’
7 “Mmabaawa yi nyinaa sɔre buebuee wɔn nkanea no. 8 Nkwaseafoɔ no srɛɛ anyansafoɔ no sɛ, ‘Momma yɛn mo ngo no bi ngu yɛn nkanea no mu na ɛredum.’
9 “Anyansafoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Krasin a yɛwɔ no sua. Monkɔ kurom nkɔtɔ bi.’
10 “Wɔrekɔtɔ ngo no pɛ, na ayeforɔkunu no baeɛ. Enti, wɔn a wɔasiesie wɔn ho no ne ayeforɔkunu no kɔɔ nʼapontoɔ no ase, na wɔtoo ɛpono no mu.
11 “Akyire yi a baanum no sane baeɛ no, wɔgyinaa ɛpono no akyi frɛɛ sɛ, ‘Owura, hini yɛn!’
12 “Nanso, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfiri hɔ nkɔ. Mennim mo!’
13 “Enti, monwɛn na monnim da anaa dɔn ko a mɛsane aba.
19 “Mmerɛ bi akyi, wɔn wura no firi akwantuo mu baeɛ. Ɔfrɛɛ apaafoɔ baasa yi sɛ wɔmmɛbu nkonta nkyerɛ no. 20 Deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ɔha aduɔson no de dwetɛ kilogram ɔha aduɔson kaa ho baeɛ. Ɔkaa sɛ, ‘Me wura, womaa me dwetɛ kilogram ɔha aduɔson. Hwɛ, manya dwetɛ kilogram ɔha aduɔson aka ho.’
21 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra, na me ne wo nni dɛ!’
22 “Ɔpaani a ɔmaa no dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Worekɔ no, womaa me dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe. Mede yɛɛ adwuma, na manya dwetɛ kilogram aduosia nnwɔtwe aka ho.’
23 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mo, akoa pa ne nokwafoɔ, woadi kakra yi ho nokorɛ, mede wo bɛsi nneɛma pii so panin. Bra wo wura anigyeɛ mu!’
24 “Ɔpaani a ɔnyaa dwetɛ kilogram aduasa ɛnan no nso baeɛ. Ɔka kyerɛɛ ne wura no sɛ, ‘Owura, menim sɛ woyɛ onipa a wʼasɛm yɛ den. Wotumi twa wɔ deɛ wonnuaeɛ, ɛnna wotumi boaboa ano wɔ deɛ wompeteeɛ; 25 enti mesuroeɛ, na mede wo sika no kɔhyɛɛ fam, enti wʼadeɛ nie!’
26 “Ne wura no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Akoa bɔne ne onihafoɔ! Wonim sɛ metumi twa wɔ deɛ mennuaeɛ, na metumi boaboa ano wɔ deɛ mempeteeɛ a, 27 anka ɛsɛ sɛ wode sika no kɔto sikakorabea nya nsiho to hɔ ma me.
28 “ ‘Monnye ne nsam sika no, na momfa nkɔma deɛ ɔnyaa dwetɛ kilogram ahasa aduanan no. 29 Obiara a ɔde deɛ wɔde ama no no bɛyɛ ade pa no, wɔde bi bɛka no ho. Na obiara a wamfa deɛ wɔde ama no no anyɛ ade pa no, deɛ ɔwɔ no mpo, wɔbɛgye afiri ne nsam. 30 Monto akoa a ne ho nni mfasoɔ yi ntwene esum kabii mu: ɛhɔ na esu ne agyaadwoɔ wɔ.’
34 “Ɛno na Ɔhene no bɛka akyerɛ wɔn a wɔgyina ne nifa so no sɛ, ‘Mo a mʼagya ahyira mo, mommra mmɛfa ahennie a wɔasiesie ama mo firi ewiase ahyɛaseɛ no nni! 35 Ɛkɔm dee me, na momaa me aduane diiɛ. Sukɔm dee me, na momaa me nsuo nomeeɛ. Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, na mode me kɔɔ mo fie. 36 Medaa adagya na mofiraa me ntoma. Meyareeɛ, na mobɛsraa me. Medaa afiase, na mobɛhwɛɛ me.’
37 “Saa ɛberɛ no mu na ateneneefoɔ bɛbisa sɛ, ‘Owura, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm de wo a, yɛmaa wo aduane, na sukɔm de wo a yɛmaa wo nsuo nomeeɛ? 38 Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ a, yɛde wo kɔɔ yɛn fie, anaasɛ wodaa adagya a, yɛfiraa wo ntoma? 39 Afei, da bɛn na yɛhunuu sɛ woyare a, yɛbɛsraa wo, anaasɛ wodaa afiase a, yɛbɛhwɛɛ wo?’
40 “Na Ɔhene no, bɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moayɛ ama me nuanom nkumaa yi mu baako yi, moayɛ ama me!’
41 “Afei, mɛdane mʼani akyerɛ wɔn a wɔgyina me benkum so no aka akyerɛ wɔn sɛ, ‘Mo a wɔadome mo, wɔmfa mo nkɔgu ogyatannaa a ɛnnum da a wɔasɔ ama ɔbonsam ne nʼahokafoɔ no mu. 42 Na ɛkɔm dee me, moamma me aduane anni, sukɔm dee me, moamma me nsuo annom. 43 Meyɛɛ ɔhɔhoɔ, moamfa me ankɔ mo fie. Medaa adagya, moamfira me ntoma. Meyareeɛ, moammɛsra me. Medaa afiase, moammɛhwɛ me.’
44 “Wɔn nso bɛbua no sɛ, ‘Awurade, da bɛn na yɛhunuu wo sɛ ɛkɔm dee wo, anaasɛ sukɔm dee wo, anaasɛ woyɛɛ ɔhɔhoɔ, anaasɛ wodaa adagya, anaasɛ woyareeɛ, anaasɛ wodaa afiase, na yɛanyɛ deɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ amma wo?’
45 “Na mɛbua wɔn sɛ, ‘Sɛ moanyɛ amma nkumaa yi mu baako enti, moanyɛ amma me.’
46 “Na wɔbɛkɔ ahoyera a ɛtoɔ ntwa da mu, na ateneneefoɔ akɔ nkwa a ɛnni awieeɛ mu.”
<- Mateo 24Mateo 26 ->