4 “Ɔsane somaa nʼasomfoɔ foforɔ sɛ, ‘Monkɔka nkyerɛ wɔn sɛ, wɔawie biribiara. Wɔakum mʼanantwie ne me nyɛmmoa de anoa aduane awie. Mommra ayeforɔ no ase mmɛdidi!’
5 “Nanso, ne ho yɛɛ wɔn a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no sere. Obiara kɔdii ne dwuma. Obi kɔɔ nʼafuom. Ɔfoforɔ nso kɔdii ne dwa. 6 Afoforɔ nso kyeree nʼasomfoɔ no hwee wɔn, pirapiraa wɔn, kunkumm ebinom nso. 7 Ɔhene no tee deɛ nnipa no ayɛ nʼasomfoɔ no, ne bo fuiɛ. Ɔsomaa nʼasraafoɔ ma wɔkɔkunkum awudifoɔ no, hyee wɔn kuro no pasaa.
8 “Ɔsane frɛɛ nʼasomfoɔ ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Wɔawie ayeforɔ aduane no. Nanso, wɔn a mefrɛɛ wɔn no mfata sɛ wɔba apontoɔ no ase. 9 Enti, monkɔ mmɔntene so na obiara a mobɛhunu no no, momfrɛ no mmra apontoɔ no ase.’ 10 Asomfoɔ no firii adi kɔɔ mmɔntene so kɔfrɛɛ nnipa dodoɔ a wɔhunuu wɔn no nyinaa. Wɔfrɛɛ nnipa pa ne nnipa bɔne, maa ɛdan a wɔtoo ɛpono wɔ mu no yɛɛ ma.
11 “Ɔhene no baa hɔ sɛ ɔrebɛhwɛ nnipa a wɔaba no, ɔhunuu obi a ɔnhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ wɔ hɔ. 12 Ɔbisaa no sɛ, ‘Damfo, ɛyɛɛ dɛn na wonhyɛ ayeforɔhyia atadeɛ, na wotumi baa ha?’ Nanso, damfo no antumi ammua.
13 “Afei, ɔhene no ka kyerɛɛ nʼasomfoɔ no sɛ, ‘Monkyekyere ne nan ne ne nsa na monkɔto no ntwene akyirikyiri esum mu, deɛ esu ne agyaadwoɔ wɔ no.’
14 “Wɔafrɛ bebree, nanso kakra bi na wɔayi wɔn.”
18 Yesu hunuu wɔn adwemmɔne no ma ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo nyaatwomfoɔ! Adɛn enti na mopɛ sɛ mode nnaadaa sɔ me hwɛ? 19 Momfa sika a wɔde yi toɔ no bi nkyerɛ me.” Wɔde bi kyerɛɛ no. 20 Ɔbisaa wɔn sɛ, “Hwan mfoni na ɛda so, na hwan din nso na ɛwɔ so?”
21 Wɔbuaa sɛ, “Kaesare.”
22 Ne mmuaeɛ a ɔmaa wɔn no maa wɔn ho dwirii wɔn ma wɔgyaa no hɔ kɔeɛ.
29 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mo mfomsoɔ a moayɛ no firi nim a monnim Atwerɛsɛm no ne Onyankopɔn tumi a ɔwɔ no! 30 Na owusɔreberɛ no, awadeɛ nni hɔ; obiara bɛyɛ sɛ abɔfoɔ a wɔwɔ ɔsoro no. 31 Afei, ɛfa owusɔreɛ no ho no nso, monnkanee deɛ Onyankopɔn aka afa ho no pɛn? Monhunu sɛ Onyankopɔn kasa kyerɛɛ mo ɛberɛ a ɔkaa sɛ, 32 ‘Mene Abraham Onyankopɔn, Isak Onyankopɔn ne Yakob Onyankopɔn no?’ Yei kyerɛ sɛ. Onyankopɔn nyɛ awufoɔ Onyankopɔn na mmom, ateasefoɔ Onyankopɔn.”
33 Nnipadɔm no tee ne nkyerɛkyerɛ no, ɛyɛɛ wɔn nwanwa.
37 Yesu buaa no sɛ, “ ‘Dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, wʼakoma nyinaa mu ne wo ɔkra nyinaa mu ne wʼadwene nyinaa mu.’ 38 Yei ne mmaransɛm no mu deɛ ɛdi ɛkan na ɛkyɛn ne nyinaa. 39 Deɛ ɛtɔ so mmienu no te sɛ ɛno ara: ‘Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.’ 40 Mose mmaransɛm ne adiyifoɔ no nkyerɛkyerɛ no nyinaa gyina saa mmaransɛm mmienu yi so.”
43 Yesu bisaa wɔn sɛ “Ɛnneɛ, adɛn na Dawid nam Honhom Kronkron so frɛ no ‘Awurade’? Ɛfiri sɛ, Dawid kaa sɛ,