3 Ɔhene Herode tee saa asɛm yi no, ɛhaa nʼadwene yie. Saa ara nso na ɛhaa Yerusalemfoɔ nyinaa adwene. 4 Ɔhene Herode frɛɛ ɔman no mu asɔfoɔ mpanin ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ bɛhyiaeɛ. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Ɛhefa na wɔbɛwo Kristo no?” 5 Wɔbuaa no sɛ, “Betlehem a ɛwɔ Yudea. Na yei ne deɛ odiyifoɔ no kaeɛ:
7 Ɔhene Herode frɛɛ anyansafoɔ no kɔkoam bisaa wɔn ɛberɛ pɔtee a wɔhunuu nsoromma no. Ɔtoaa so ka kyerɛɛ wɔn sɛ, 8 “Monkɔ Betlehem nkɔhwehwɛ abɔfra no. Sɛ mohunu no a, mommɛka nkyerɛ me, na me nso menkɔsom no bi.”
9 Anyansafoɔ no tiee ɔhene no asɛm no wieeɛ no, wɔkɔeɛ. Wɔrekɔ no, nsoromma a wɔhunuu wɔ apueeɛ no sane yii ne ho adi bio kyerɛɛ wɔn. Ɛdii wɔn anim kɔsii beaeɛ a wɔawo abɔfra no wɔ Betlehem hɔ. 10 Ɛberɛ a wɔhunuu nsoromma no no, wɔn ani gyee mmoroso. 11 Wɔduruu efie[a] a abɔfra no ne ne maame Maria wɔ no, wɔkoto sɔree no. Wɔde wɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ sikakɔkɔɔ, aduhwam ne kurobo yɛɛ no ayɛ. 12 Onyankopɔn soo wɔn daeɛ bɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ wɔnnsane nkɔ Herode nkyɛn bio wɔ Yerusalem. Enti wɔfaa ɛkwan foforɔ so kɔɔ wɔn kurom.
14 Anadwo no ara, Yosef faa abɔfra no ne Maria siim kɔɔ Misraim, 15 na wɔtenaa hɔ kɔsii sɛ Ɔhene Herode wuiɛ. Yei na ɛmaa deɛ Awurade nam odiyifoɔ no so kaeɛ sɛ, “Mafrɛ me Ba afiri Misraim” no baa mu.
21 Yosef faa abɔfra no ne ne maame sane kɔɔ Israel asase so bio. 22 Yosef tee sɛ Arkelao[b] a ɔyɛ Herode ba na ɔdi ɔhene wɔ Yudea saa ɛberɛ no mu no, ɔsuroo sɛ ɔbɛkɔ hɔ. Awurade sane soo no daeɛ foforɔ bio sɛ ɔnnkɔ Yudea, na mmom, ɔnkɔ Galilea.[c] 23 Enti, wɔkɔtenaa kuro Nasaret mu. Yei nso maa deɛ adiyifoɔ no kaeɛ sɛ, “Wɔbɛfrɛ no Nasareni” no baa mu.
<- Mateo 1Mateo 3 ->- a Anyansafoɔ no ankɔhwɛ Yesu ɛberɛ a ɔda mmoa adididaka mu sɛdeɛ na amanneɛ te ne sɛdeɛ nnwanhwɛfoɔ no kɔhwɛɛ no no. Mmom, abosome bi akyi no, wɔkɔhwɛɛ “abɔfra” no wɔ ne “fie”.
- b Ɔhempɔn Herode ba yi dii adeɛ sɛ ɔhene wɔ Yudea ne Samaria mfirinhyia edu pɛ. (4 AWK–6 KAA) Na ɔyɛ otirimuɔdenfoɔ ne nhyɛsotrasoɔ. Yei ma wɔtuu no adeɛ so ma Yudea bɛyɛɛ Roma mantam a na wɔtua toɔ ma Roma Ɔhempɔn no ananmusini.
- c Yesu berɛ so no, na Galilea da Ɔman Kronkron no atifi fam.