1 Hwɛ! Mɛsoma me ɔbɔfoɔ a ɔbɛsiesie ɛkwan ama me. Na afei, mpofirim, Awurade a morehwehwɛ no no bɛba nʼasɔredan mu. Na apam no ho ɔbɔfoɔ a mopɛ no no bɛba, sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
2 Na hwan na ɔbɛtumi agyina ne da a ɔbɛba no ano? Sɛ opue a, hwan na ɔbɛtumi agyina? Ɔbɛyɛ sɛ ogya dɛreɛ a wɔde nane dadeɛ anaa ntoma sifoɔ samina. 3 Ɔbɛtena ase sɛ obi a ɔhoa dwetɛ ho. Ɔbɛte Lewifoɔ no ho na wɔayɛ sɛ sikakɔkɔɔ ne dwetɛ. Afei Awurade bɛnya mmarimma a wɔde ayɛyɛdeɛ bɛba wɔ kronkronyɛ mu, 4 na afɔrebɔdeɛ a ɛfiri Yuda ne Yerusalem bɛyɛ deɛ ɛsɔ Awurade ani sɛdeɛ na ɛteɛ wɔ mfeɛ a atwam no.
5 “Enti mɛtwe abɛn mo, abɛbu atɛn. Mɛyɛ ntɛm adi adanseɛ atia ntafowayifoɔ, awaresɛefoɔ ne atorofoɔ, wɔn a wɔsisi adwumayɛfoɔ wɔ wɔn akatua ho, wɔn a wɔhyɛ akunafoɔ ne nwisiaa so na wɔbu ntɛnkyea tia ahɔhoɔ na wɔnnsuro me,” sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
8 “Onipa bɛtumi abɔ Onyankopɔn korɔno anaa? Nanso, mobɔ me korɔno! Na mobɛbisa sɛ, ‘ɛkwan bɛn so na yɛfa bɔɔ wo korɔno?’
13 “Moaka nsɛm a ɛmfata atia me, nanso mobisa sɛ, ‘Asɛm bɛn na yɛaka atia wo?’ Sɛdeɛ Asafo Awurade seɛ nie.
14 “Moaka sɛ, ‘Onyankopɔn som yɛ ɔbrɛguo, na yɛdii nʼahyɛdeɛ so na yɛkɔɔ Asafo Awurade anim te sɛ wɔn a wɔredi awerɛhoɔ no, mfasoɔ bɛn na yɛnyaeɛ? 15 Afei, wɔfrɛ ɔhantanni no deɛ wɔahyira no. Nokorɛm, nnebɔneyɛfoɔ di yie, na mpo wɔn a wɔne Onyankopɔn di asie no, wɔfa wɔn ho di.’ ”
16 Ɛnna wɔn a wɔsuro Awurade no ne wɔn ho wɔn ho kasaeɛ, na Awurade tieeɛ na ɔgyee wɔn so. Wɔn a wɔsuro Awurade na wɔdi ne din ni no, wɔtwerɛɛ wɔn din wɔ nwoma mmobɔeɛ so wɔ nʼanim de yɛɛ nkaeɛ adeɛ.
17 “Wɔbɛyɛ me dea,” sɛdeɛ, Asafo Awurade seɛ nie. Ɛda a mɛkeka me ho no, wɔbɛyɛ mʼahodeɛ a ɛsom bo. Mede wɔn ho bɛkyɛ wɔn, sɛdeɛ agya nya ayamhyehyeɛ de ɔba a ɔyɛ ɔsetie ho kyɛ no no. 18 Na mobɛhunu nsonsonoeɛ a ɛda ateneneefoɔ ne amumuyɛfoɔ ntam, ne wɔn a wɔsom Onyankopɔn ne wɔn a wɔnnsom Onyankopɔn no ntam.
<- Malaki 2Malaki 4 ->- a Adekoradan: Adekoradan a ɛwɔ kronkron mu kronkron (1 Ah 7.51; 2 Be 31.11-12; Neh 13.12). Ɔsoro mpomma—Ɛkyerɛ asetena mu nhyira bebree. (2 Ah 7.2,19; Nnw 78.23-24). Mɛhwie…nhyira—Nhyira apam a mahyɛ ho bɔ no (5 Mose 28.12; Yes 44.3).