3 Yei maa Pilato bisaa no sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”
4 Pilato ka kyerɛɛ asɔfoɔ mpanin ne nnipadɔm no sɛ, “Menhunu asɛm biara a mɛgyina so abu onipa yi fɔ.”
5 Nanso, wɔn bo antɔ wɔn yam kɔɔ so kaa sɛ, “Ɔyɛ ɔmammɔfoɔ baabiara a ɔkɔ no, ɔnam ne nkyerɛkyerɛ so de hwanyan nnipa no tia aban. Ɔde ne nkyerɛkyerɛ yi firi Galilea bɛfaa Yudeaman mu nyinaa abɛduru Yerusalem ha.”
6 Pilato tee asɛm yi no, ɔbisaa sɛ, “Onipa yi yɛ Galileani anaa?” 7 Ɛberɛ a wɔka kyerɛɛ Pilato sɛ Yesu yɛ Galileani no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ ɛte saa deɛ a, wɔmfa no nkɔ Ɔhene Herode anim, ɛfiri sɛ, Galilea hyɛ nʼase. Saa ɛberɛ no ara nso na Ɔhene Herode wɔ Yerusalem.
8 Esiane sɛ wate Yesu ho asɛm na ɔsusu nso sɛ, sɛ ɔba nʼanim a, ɔbɛyɛ anwanwadeɛ akyerɛ no no enti, ɛberɛ a ɔhunuu no no, nʼani gyee yie, ɛfiri sɛ, ɔpɛɛ sɛ ɔbɛhunu no no, na akyɛre. 9 Wɔbisabisaa Yesu nsɛm bebree, nanso emu biara nni hɔ a ɔyii ano. 10 Asɔfoɔ mpanin no ne Atwerɛsɛm no akyerɛkyerɛfoɔ no kɔɔ so ara kaa nsɛm a ɛnnim guu ne so. 11 Herode ne nʼasomfoɔ no bɔɔ Yesu adapaa, dii ne ho fɛw. Afei, Herode hyehyɛɛ no sɛ ɔhene sane de no kɔmaa Pilato. 12 Ɛda no ara, Herode ne Pilato a anka wɔyɛ aka no, bɔɔ mu.
18 Pilato kasa no akyi no, nnipadɔm no nyinaa bɔ gyee so sɛ, “Ku no, na gyaa Baraba ma yɛn.” 19 Baraba yi yɛ obi a ɔhwanyane ɔman na ɔsane dii awu enti, wɔde no too afiase.
20 Pilato kɔɔ so di maa Yesu pɛɛ sɛ ɔgyaa no. 21 Nanso, wɔsane bɔ gyee so bio se, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
22 Ɔbisaa wɔn ne mprɛnsa so sɛ, “Adɛn? Ɛdeɛn bɔne na wayɛ? Menhunu afɔbusɛm biara a mɛgyina so abu no kumfɔ. Mɛbɔ no mmaa na magyaa no.”
23 Nanso, wɔbɔ gyee so ara maa wɔn nne bu faa Pilato deɛ no so sɛ, ɔmmɔ no asɛnnua mu. 24 Enti, Pilato penee wɔn abisadeɛ no so maa wɔn. 25 Wɔgyaee Baraba a ɛsiane sɛ ɔhwanyanee ɔman sane dii awu no enti, ɔde no too afiase no maa wɔn. Na ɔde Yesu maa wɔn sɛdeɛ wɔpɛ no.
32 Ɛberɛ a wɔde Yesu rekɔ no, wɔde nnebɔneyɛfoɔ baanu bi kaa ne ho sɛ wɔnkɔku wɔn. 33 Wɔduruu faako a wɔfrɛ hɔ Golgota no, wɔbɔɔ ɔne nnebɔneyɛfoɔ baanu no asɛnnua mu a ɔbaako wɔ ne nifa na ɔbaako nso wɔ ne benkum. 34 Yesu kaa sɛ, “Agya, fa kyɛ wɔn, ɛfiri sɛ, wɔnnim deɛ wɔreyɛ.” Afei, asraafoɔ no kyekyɛɛ ne ntadeɛ mu bɔɔ so ntonto faeɛ.
35 Saa ɛberɛ no na nnipadɔm no gyinagyina hɔ rehwɛ no. Yudafoɔ mpanimfoɔ no dii ne ho fɛw sɛ, “Ɔgyee ebinom nkwa; sɛ ɔse ɔno ne Kristo, Onyankopɔn Ba no a, ɔnnye ne ho nkwa na yɛnhwɛ.”
36 Asraafoɔ no nso dii ne ho fɛw de nsã a ɛkeka bi brɛɛ no 37 kaa sɛ, “Sɛ wone Yudafoɔ ɔhene no a, gye wo ho nkwa.”
38 Wɔtwerɛɛ saa asɛm yi bɔɔ nʼatifi wɔ asɛnnua no so sɛ,
39 Nnebɔneyɛfoɔ baanu a na wɔn nso wɔabɔ wɔn asɛnnua mu no mu baako dii Yesu ho fɛ sɛ, “Ɛnyɛ wone Kristo no? Gye wo ho na gye yɛn nso.”
40 Nanso, ɔdebɔneyɛfoɔ a ɔka ho no, kaa nʼanim sɛ, “Wonsuro Onyankopɔn? Hunu sɛ yɛn nyinaa wɔ afɔbuo korɔ no ara mu. 41 Yɛn deɛ, saa asotwe yi fata yɛn; yɛn bɔne so akatua na yɛanya yi, na yei deɛ, ɔnyɛɛ bɔne biara.”
42 Ɔsane kaa sɛ, “Yesu, woduru wʼAhennie mu a, kae me.”
43 Yesu buaa no sɛ, “Merehyɛ wo bɔ sɛ, ɛnnɛ, wobɛka me ho wɔ Paradise.”
47 Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.” 48 Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. 49 Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa.
55 Wɔsiee amu no wieeɛ no, mmaa a wɔdi Yesu akyi firi Galilea no ne Yosef kɔhwɛɛ faako a wɔde no toeɛ ne sɛdeɛ wɔsiee no faeɛ. 56 Saa mmaa yi sanee wɔn akyi kɔɔ efie kɔhwehwɛɛ nnuhwam ne ngo a wɔde bɛsiesie Yesu amu no,[c] nanso ɛsiane sɛ na Homeda no aduru enti, wɔtenaa ase komm sɛdeɛ Yudafoɔ mmara kyerɛ no.
<- Luka 22Luka 24 ->- a Wɔnsie ɔdebɔneyɛfoɔ a wɔakum no amu. Mmom wɔtumi gya wɔ baabi a wɔsie ahiafoɔ. Ɛyɛ akokoɔdurusɛm kɛseɛ sɛ Yosef a ɔka Sanhedrin ho no kɔsrɛɛ sɛ wɔmfa Yesu amu mma no.
- b Efiada ne da a ɛdi homeda anim a wɔyɛ ahoboa de twɛn homeda no die. Ahosiesie Da no tumi yɛ ɛda a ɛdi Twam Afahyɛ anim.
- c Ntoma basafa kakra ne ngo hwamhwam bebree na wɔde siesie funu ansa na wɔasie. Nnuhwam kilogram 33 na wɔde yɛɛ adwuma anwummerɛ a ɛdi ɛkan no (Yoh 19.39). Wɔtɔɔ nnuhwam no bi kaa ho de twɛnee sɛ mmaa no bɛsane aba homeda no akyi.