9 Wɔbisaa no sɛ, “Ɛhe na wopɛ sɛ yɛkɔyɛ aduane no?”
10 Ɔbuaa wɔn sɛ, “Sɛ moduru kuro no mu a, mobɛhunu obi a wakɔ asuo reba. Monni nʼakyi nkɔ efie a ɔbɛkɔ mu no mu 11 na mommisa efiewura no sɛ, ‘Yɛn ɔkyerɛkyerɛfoɔ se ɛhe na woasiesie ama ɔne nʼasuafoɔ no sɛ wɔmmɛdi Twam Afahyɛ aduane no?’ 12 Ɔde mo bɛkɔ abansoro asa kɛseɛ bi a wɔasiesie mu fɛfɛɛfɛ so. Ɛhɔ na monkɔto ɛpono no.”
13 Wɔkɔɔ kuro no mu no, wɔhunuu sɛdeɛ Yesu kaeɛ no pɛpɛɛpɛ ma wɔyɛɛ Twam Afahyɛ aduane no wɔ hɔ.
14 Ɛberɛ no duruiɛ no, Yesu ne nʼasuafoɔ no kɔtenatenaa adidipono no ho. 15 Wɔtete hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mepɛɛ sɛ me ne mo bɛtena ase, ato nsa adi saa Twam Afahyɛ aduane yi, ansa na mahunu amane no akyɛre. 16 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa adidie yi akyi no, merenni Twam Afahyɛ aduane yi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”
17 Afei Yesu faa kuruwa, daa Onyankopɔn ase na ɔde maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Monnye na obiara nnom bi. 18 Mereka akyerɛ mo sɛ, merennom bobesa yi bi bio kɔsi sɛ Onyankopɔn Ahennie no bɛba.”
19 Afei, ɔfaa burodo daa Onyankopɔn ase, bubuu mu de maa nʼasuafoɔ no kaa sɛ, “Yei ne me onipadua a mede rema mo. Monnye nni. Ɛda biara a mobɛdi saa burodo yi bi no, momfa nkae me.”
20 Saa ara nso na adidie no akyi no, ɔfaa kuruwa kaa sɛ, “Kuruwa yi ne me mogya a merehwie agu ama mo sɛ apam foforɔ a wɔnam so bɛgye mo nkwa. 21 Nanso, mo a mo ne me te adidiiɛ ha yi mu baako na ɔbɛyi me ama. 22 Ɛtwa sɛ Onipa Ba no wu, sɛdeɛ Onyankopɔn ahyehyɛ no, nanso deɛ ɔbɛyi no ama no deɛ, ɔnnue.” 23 Asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho, pɛɛ sɛ wɔhunu wɔn mu deɛ ɔbɛyi no ama no.
33 Petro buaa no sɛ, “Awurade, ɛyɛ me pɛ sɛ me ne wo bɛda afiase, na sɛ ɛyɛ owu mpo nso a, me ne wo bɛwu.”
34 Yesu nso buaa no sɛ, “Petro, mereka akyerɛ wo sɛ, ɛnnɛ akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa.”
35 Afei, Yesu bisaa nʼasuafoɔ no sɛ, “Ɛberɛ a mesomaa mo a na monkura sikabɔtɔ anaa akwantubɔtɔ na monhyɛ mpaboa no, biribi ho hiaa mo anaa?”
36 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Afei deɛ, deɛ ɔwɔ sika no, ɔmfa; deɛ ɔwɔ akwantubɔtɔ no nso, ɔmfa. Deɛ ɔnni akofena no ntɔn ne ntoma mfa nkɔtɔ bi. 37 Na berɛ aduru sɛ, nkɔm a wɔhyɛ faa me ho sɛ, ‘Wɔbɛkan no afra nnebɔneyɛfoɔ mu’ no bɛba mu. Ɛsɛ sɛ nkɔm biara a wɔahyɛ afa me ho no ba mu.”
38 Asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Awurade, yɛwɔ akofena mmienu wɔ ha.”
45 Mpaeɛbɔ no akyi no, ɔkɔɔ asuafoɔ no nkyɛn kɔtoo wɔn sɛ awerɛhoɔ ne ɔbrɛ enti, wɔadeda. 46 Ɔkɔtoo wɔn sɛ wɔadeda no, ɔkaa sɛ, “Hwɛ! Moadeda? Monsɔre na mommɔ mpaeɛ na moankɔ sɔhwɛ mu.”
49 Ɛberɛ a asuafoɔ a wɔwɔ ne ho no hunuu deɛ ɛreba no, wɔbisaa no sɛ, “Awurade, yɛntwitwa wɔn akofena anaa?” 50 Asuafoɔ no mu baako twaa Ɔsɔfopanin no ɔsomfoɔ no aso nifa.
51 Yesu ampɛ deɛ osuani no yɛeɛ no enti, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnyae deɛ mopɛ sɛ moyɛ no.” Ɔfaa ɔsomfoɔ no aso no de taree hɔ bio.
52 Yesu bisaa asɔfoɔ mpanin ne asɔredan sohwɛfoɔ mpanin ne Yudafoɔ mpanimfoɔ ne asomfoɔ a wɔbaa ne so no sɛ, “Meyɛ odwotwafoɔ na mode akofena ne nkontimmaa aba me so? 53 Ɛberɛ a na me ne mo wɔ asɔredan mu no, moankye me; afei na mo berɛ aso a ɔbonsam nam ne tumi so reyɛ adwuma ampa.”
57 Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.”
58 Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.”
59 Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
60 Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ. 61 Saa ɛberɛ no ara mu na Yesu twaa nʼani hwɛɛ Petro anim. Ɛhɔ ara na Petro kaee asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ, akokɔ remmɔn na woapa me mprɛnsa” no, 62 Petro de awerɛhoɔ firii adi kɔsuiɛ.
70 Ɔkaa saa no, wɔn nyinaa bisaa no bio sɛ, “Ɛnneɛ na wone Onyankopɔn Ba no anaa?”
71 Yei ma wɔkaa sɛ, “Adanseɛ bɛn na ɛhia yɛn bio? Yɛate afiri ɔno ankasa anom.”
<- Luka 21Luka 23 ->