4 Esiane sɛ na Yosef yɛ Ɔhene Dawid busuani no enti, na ɛsɛ sɛ ɔfiri Galilea kuro a wɔfrɛ no Nasaret mu kɔ Betlehem a ɛwɔ Yudea. 5 Ɔne ne yere Maria a saa ɛberɛ no na ɔnyem no na wɔkɔeɛ. 6 Wɔwɔ Betlehem no, awoɔ kaa Maria, 7 na ɔwoo ɔbarima. Wɔde kuntu kyekyeree abɔfra no ho de no too mmoa adididaka mu, ɛfiri sɛ, wɔannya baabi ansoɛ wɔ ahɔhobea hɔ.
8 Anadwo no ara, na nnwanhwɛfoɔ bi nso wɔ ɛserɛ no so baabi rewɛn wɔn nnwan. 9 Mpofirim, ɔsoro ɔbɔfoɔ baa wɔn nkyɛn, na Onyankopɔn animuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiaeɛ, na ɛmaa wɔn ho dwirii wɔn. 10 Ɔsoro ɔbɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnsuro, mede anigyesɛm rebrɛ mo ne amansan nyinaa. 11 Ɛnnɛ wɔawo Agyenkwa a ɔne Kristo Awurade no ama mo wɔ Dawid kurom. 12 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a mobɛhunu. Mobɛhunu akɔkoaa a wɔde kuntu akyekyere ne ho a ɔda mmoa adididaka mu.”
13 Amonom hɔ ara, abɔfokuo bɛkaa ɔbɔfoɔ a ɔwɔ hɔ no ho na wɔtoo ayɛyie dwom sɛ,
15 Ɛberɛ a abɔfokuo yi sane kɔɔ ɔsoro no, nnwanhwɛfoɔ no keka kyerɛkyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Momma yɛnkɔ Betlehem hɔ na yɛnkɔhwɛ saa anwanwasɛm a asi wɔ hɔ a Awurade ada no adi akyerɛ yɛn yi.”
16 Wɔde ahoɔherɛ kɔɔ Betlehem kɔhunuu Maria ne Yosef. Na wɔhunuu abɔfra no nso sɛ ɔda mmoa adididaka mu. 17 Nnwanhwɛfoɔ no hunuu abɔfra no no, wɔkaa ne ho asɛm a ɔsoro abɔfoɔ no bɛka kyerɛɛ wɔn no nyinaa kyerɛɛ nnipa a wɔahyia hɔ no. 18 Wɔn a wɔtee nnwanhwɛfoɔ yi asɛm no nyinaa ho dwirii wɔn. 19 Nanso Maria deɛ, ɔde saa nsɛm a ɔteeɛ no nyinaa siee ne tirim dwenee ho. 20 Nnwanhwɛfoɔ no kɔhunuu deɛ abɔfoɔ no ka kyerɛɛ wɔn no, wɔde anigyeɛ sane wɔn akyi kɔɔ deɛ wɔn nnwan no wɔ hɔ. Wɔrekɔ no nyinaa, na wɔreyi Onyankopɔn ayɛ.
25 Ɛda no na ɔbarima bi a wɔfrɛ no Simeon a ɔte Yerusalem no nso wɔ asɔredan mu hɔ bi. Na Simeon yɛ onipa tenenee, ɔhotefoɔ a Honhom Kronkron ahyɛ no ma a na daa ɔhwɛ Agyenkwa no kwan. 26 Ɔno na na Honhom Kronkron ayi akyerɛ no sɛ ɔrenwu kɔsi sɛ ɔbɛhunu Agyenkwa a Awurade asra no no. 27 Enti ɛberɛ a Maria ne Yosef duruu asɔredan no mu sɛ wɔde abɔfra no rekɔma Awurade sɛdeɛ mmara no te no, 28 wɔkɔtoo Simeon nso wɔ hɔ, na Simeon gyee abɔfra no hyɛɛ Awurade animuonyam sɛ,
33 Nsɛm a wɔka faa Yesu ho no yɛɛ nʼagya Yosef ne ne maame Maria nwanwa. 34 Afei, Simeon hyiraa wɔn na ɔka kyerɛɛ ne maame Maria sɛ, “Saa abɔfra yi so na Israelfoɔ mu dodoɔ no ara nkwagyeɛ ne wɔn asehweɛ bɛgyina. 35 Na ɔbɛma dodoɔ no ara tirim ahintasɛm ada adi; na wo Maria deɛ, wobɛsi apinie wɔ wo mu.”
39 Wɔwiee amanneɛ sɛdeɛ Awurade mmara kyerɛ no, wɔsane kɔɔ wɔn kurom Nasaret a ɛwɔ Galilea, 40 Abɔfra no nyinii, na nyansa hyɛɛ no ma, na na Onyankopɔn adom nso wɔ ne so.
49 Yesu buaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na mohwehwɛ me? Monnim sɛ ɛyɛ mʼasɛdeɛ sɛ metena mʼagya efie som no anaa?” 50 Nanso, nʼawofoɔ no ante deɛ ɔkaeɛ no ase.
51 Yesu ne nʼawofoɔ kɔɔ Nasaret no, ɔyɛɛ ɔsetie maa wɔn. Ne maame de nsɛm a ɛsisiiɛ no nyinaa siee ne tirim. 52 Yesu nyinii nyansa mu ne honam fam, na ɔnyaa Onyankopɔn ne nnipa anim adom.
<- Luka 1Luka 3 ->- a Sɛ mmarimaa di mfirinhyia dumienu a, wɔfiri aseɛ yɛ ahoboa se wɔbɛwura nyamesom mu afe a ɛdi so no mu.