6 Afei, Yesu buu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔbarima bi duaa borɔdɔma wɔ ne turo mu. Ɛda bi ɔkɔɔ turo no mu hɔ sɛ ɔrekɔte ɛso aba no bi nanso wannya bi. 7 Ɛno akyi, ɔfrɛɛ turo no sohwɛfoɔ no ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Mfeɛ mmiɛnsa ni, ɛberɛ biara a mɛba sɛ merebɛte borɔdɔma no bi no, mennya bi. Adɛn enti na ɛresɛe kwa yi? Twa twene.’
8 “Turo no sohwɛfoɔ no srɛɛ no sɛ, ‘Me wura, ma ɛnsi hɔ afeɛ yi nso na mengugu aseɛ sumina nhwɛ 9 sɛ ebia, ɛbɛso aba bi anaa, na sɛ antumi anso a, ɛnneɛ mɛtwa atwene.’ ”
14 Hyiadan no so panin a ɔhunuu ɔbaa no ayaresa no de abufuo kaa sɛ, “Nnansia na ɛsɛ sɛ mode yɛ adwuma a saa nna no mu na ɛsɛ sɛ moba ma wɔsa mo yadeɛ, na ɛnyɛ homeda.”
15 Na Awurade buaa no sɛ, “Nyaatwomfoɔ! Mo mu hwan na ɔnsane ne nantwie anaa nʼafunumu na ɔnka no nkɔnom nsuo homeda? 16 Adɛn enti na Abraham aseni yi a ɔbonsam afa no dommum mfeɛ dunwɔtwe ni no, ɛnsɛ sɛ mesa no yadeɛ homeda?”
17 Ɔkaa saa no, wɔn a na wɔne nʼadwene nhyia no nyinaa ani wuiɛ. Nnipa no nso a na wɔwɔ hyiadan no mu nyinaa ani gyee nʼanwanwadeɛ ahodoɔ a ɔyɛeɛ no nyinaa ho.
20 Ɔbisaa bio sɛ, “Ɛdeɛn bio na memfa ntoto ho nkyerɛ aseɛ? 21 Ɛte sɛ mmɔreka bi a burodotofoɔ de fotɔ mmɔre ma ɛtu.”
26 “Na mo nso moaka akyerɛ no sɛ, ‘Yɛne wo too nsa didii na wokyerɛkyerɛɛ wɔ yɛn mmorɔno so.’
27 “Na efiewura no nso bɛbisa mo bio sɛ, ‘Mofiri he? Mennim mo. Momfiri mʼani so nkɔ, mo nnebɔneyɛfoɔ!’
28 “Na sɛ mohunu Abraham, Isak, Yakob ne nkɔmhyɛfoɔ no nyinaa sɛ wɔwɔ Onyankopɔn Ahennie no mu na montumi nkɔ hɔ bi a, mode mo nsa bɛgu mo ti atwa agyaadwoɔ. 29 Nnipa firi apueeɛ ne atɔeɛ bɛhyia wɔ Onyankopɔn Ahennie no mu ato nsa adidi. 30 Na monkae sɛ akyikafoɔ bi wɔ hɔ a, wɔbɛdi ɛkan, na adikanfoɔ bi nso wɔ hɔ a, wɔbɛka akyi.”
32 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monkɔka nkyerɛ sakraman no sɛ, ‘metu ahonhommɔne, na masa nyarewa ɛnnɛ ne ɔkyena na ne nnansa so no, mɛduru Yerusalem.’ 33 Nanso, ɛsɛ sɛ menante ɛnnɛ ne ɔkyena ne nʼadekyeeɛ, na ɛtwa ara na ɛtwa sɛ odiyifoɔ bɛwu wɔ Yerusalem!
34 “Yerusalem, Yerusalem, wo a wokum adiyifoɔ na wosi wɔn a wɔsoma wɔn wo nkyɛn no aboɔ! Mpɛn ahe ni a mepɛɛ sɛ meboaboa wo mma ano sɛ akokɔbaatan boaboa ne mma ano ne ntaban ase, nanso moampene so. 35 Na mo afie bɛdane afituo na morenhunu me kɔsi sɛ mobɛka sɛ, ‘Nhyira ne deɛ ɔnam Awurade din mu reba no!’ ”
<- Luka 12Luka 14 ->