11 “Sɛ wɔde mo ba mpanin anim wɔ hyia adan mu a, monnnwennwene nsɛm a mobɛka anaasɛ deɛ mode bɛyi mo ho ano no ho, 12 Ɛfiri sɛ, saa ɛberɛ no ara mu Honhom Kronkron no bɛkyerɛ mo deɛ ɛsɛ sɛ moka.”
14 Yesu buaa no sɛ, “Damfo, hwan na ɔyɛɛ me mo so ɔtemmufoɔ ne ɔsɛnnifoɔ?” 15 Ɔtoaa so sɛ, “Monhwɛ mo ho yie wɔ adifudepɛ ho, ɛfiri sɛ, onipa nkwa nnyina nʼahonya dodoɔ a ɔwɔ so.”
16 Afei, ɔbuu wɔn bɛ yi sɛ, “Ɔdefoɔ bi wɔ hɔ a na ɔwɔ asase pa a ɛmaa no nnɔbaeɛ pii. 17 Esiane sɛ na ne nnɔbaeɛ no nkɔ pata a wabɔ no so enti, ɛyɛɛ no dadwene ma ɔbisaa ne ho sɛ, ‘Mennya baabi a mede me nnɔbaeɛ bebrebe yi bɛgu yi, menyɛ no dɛn?’
18 “Afei, ɔkaa sɛ, ‘Monim deɛ mɛyɛ. Mɛbubu mʼapata yi nyinaa na mabɔ no akɛseɛ de deɛ mewɔ nyinaa asie hɔ. 19 Na maka akyerɛ me kra sɛ, “Ɔkra, ma wʼani nnye na didi, na nom ɛfiri sɛ, wowɔ nneɛma pa pii a ɛbɛso wo mfeɛ bebree!” ’
20 “Nanso, Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, ‘Ɔkwasea! Anadwo yi, wɔbɛgye wo kra afiri wo nsam, na hwan na nneɛma bebree a woapɛ agu hɔ yi, wode bɛgya no?’
21 “Ɛno enti, saa ara na obiara a ɔbɛboaboa agyapadeɛ ano de ne ho ato so no nyɛ ɔdefoɔ Onyankopɔn anim ne no.”
27 “Monhwɛ sɛdeɛ sukooko nyini. Wɔnyɛ adwuma, ɛnna wɔnnwono ntoma mfira. Nanso, Salomo ahonya nyinaa mu, na ɔnni ntoma a ɛyɛ fɛ sɛ saa nhwiren no mu baako mpo. 28 Mo a mo gyidie hinhim, sɛ Onyankopɔn siesie wiram nhwiren a ɛfifiri ɛnnɛ na ɔkyena awu no ho ma ɛyɛ fɛ a, adɛn enti na ɔrensiesie mo nso mo ho mma ɛnyɛ fɛ. 29 Saa ara nso na monnnwennwene deɛ mobɛdi anaa deɛ mobɛnom ho. 30 Saa nneɛma yi na ewiase amanaman pere hwehwɛ, nanso mo deɛ, mo agya nim sɛ yeinom nyinaa ho hia mo. 31 Enti, monhwehwɛ Onyankopɔn Ahennie kane na ɔde yeinom nyinaa bɛma mo.
32 “Ekuo ketewa, monnsuro, ɛfiri sɛ, ɛyɛ mo agya no pɛ sɛ ɔde ahennie no bɛma mo. 33 Montontɔn mo ahodeɛ na monkyɛ ahiafoɔ adeɛ. Yei bɛma mo agyapadeɛ a ɛwɔ ɔsoro no ayɛ pii. Monhyehyɛ mo agyapadeɛ wɔ ɔsoro, deɛ owifoɔ ntumi nkɔwia na ntɛferɛ ntumi nkɔwe. 34 Na deɛ wʼagyapadeɛ wɔ no, ɛhɔ na wʼakoma nso wɔ.”
41 Petro bisaa Yesu sɛ, “Awurade, worebu bɛ yi akyerɛ yɛn nko ara anaasɛ obiara?”
42 Yesu buaa no sɛ, “Merekasa akyerɛ ɔsomfoɔ nokwafoɔ nyansafoɔ biara a ne wura de ne efie sohwɛ bɛhyɛ ne nsa na wahwɛ ama obiara aduane wɔ ne berɛ mu. 43 Nhyira ne ɔsomfoɔ a ne wura no bɛba abɛto no sɛ wayɛ nʼadwuma pɛpɛɛpɛ. 44 Nokorɛm, ɔde nʼagyapadeɛ nyinaa bɛhyɛ ne nsa. 45 Na sɛ ɛba sɛ saa ɔsomfoɔ yi nso ka sɛ, ‘Me wura nnya mmaeɛ’ na ɛno enti, ɔhwe asomfoɔ a aka no, na ɔdidi, nom nsã bo a, 46 ne wura no bɛba da a nʼani nna so sɛ ɔbɛba. Na sɛ ne wura no ba a, ɔbɛtwe nʼaso denden na wabu no sɛ obi a ɔnnye Onyankopɔn nni.
47 “Ɔsomfoɔ a ɔnim deɛ ne wura pɛ, na wanyɛ ne wura no apɛdeɛ no wɔbɛbɔ no mmaa pii. 48 Na ɔsomfoɔ a ɔnnim deɛ ne wura pɛ na enti ɔyɛɛ deɛ ne wura mpɛ no, wɔbɛbɔ no mmaa kakraa bi. Na obiara a wɔama no pii no, wɔbɛbisa pii afiri ne nkyɛn; na deɛ wɔde bebree ahyɛ ne nsa no, ɔbɛbu bebree ho nkonta.”
54 Na ɔka kyerɛɛ nnipakuo no nso sɛ, “Sɛ mohunu sɛ osuo amuna wɔ atɔeɛ a, ntɛm ara, moka sɛ, ‘Osuo bɛtɔ!’ Na osuo tɔ ampa. 55 Saa ara nso na sɛ mohunu sɛ mframa bɔ firi anafoɔ reba a, moka sɛ, ‘Ahuhuro bɛba!’ Na ɛba mu ampa. 56 Mo nyaatwomfoɔ! Motumi kyerɛ ewiem nsakraeɛ ase, nanso nneɛma a ɛnnɛ yi atwa mo ho ahyia, ne deɛ ɛbɔ mo kɔkɔ no deɛ, monhunu.
57 “Adɛn enti na monim deɛ ɛyɛ na monyɛ? 58 Sɛ wode obi ka a, bɔ mmɔden kɔhunu no na wone no nka ho asɛm na wamfa wo ankɔ asɛnniiɛ amma ɔtemmufoɔ amfa wo anto afiase. 59 Sɛ woanyɛ no saa a, ɔbɛma woatua ka a wode no no nyinaa ansa na wagyaa wo.”
<- Luka 11Luka 13 ->