5 “Sɛ mokɔ efie biara mu a, monni ɛkan nkyea efie hɔfoɔ no sɛ, ‘Asomdwoeɛ nka mo!’ 6 Na sɛ asomdwoeɛ ba bi wɔ hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛba ne so; na sɛ obi a ɔte saa nni hɔ a, mo asomdwoeɛ bɛsane aba mo nkyɛn. 7 Efie biara a mokɔ mu no, momma ɛhɔ nyɛ mo atenaeɛ; aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni, ɛfiri sɛ ɛsɛ sɛ odwumayɛfoɔ biara nya nʼadwumayɛ so akatua; monnni atutena wɔ afie mu.
8 “Na sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔgye mo fɛw so a, aduane biara a wɔde bɛma mo no, monni. 9 Monsa kuro no mu ayarefoɔ yadeɛ, na monka nkyerɛ ɛhɔfoɔ nyinaa sɛ, ‘Onyankopɔn Ahennie no abɛn mo.’ 10 Nanso, sɛ mokɔ kuro biara mu na wɔannye mo fɛw so a, monkɔ ne mmɔntene so nkɔpae mu nka sɛ, 11 ‘Mo kurom ha mfuturo a ɛwɔ yɛn nan ase mpo, yɛreporoporo agu, de atia mo; na mmom monhunu pefee sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.’ 12 Mereka akyerɛ mo sɛ, saa kuro no, asɛm a ɛbɛto wɔn Atemmuo da no bɛsene deɛ ɛtoo Sodom no.
13 “Korasin, due! Betsaida, due! Anwanwadeɛ a meyɛɛ wɔ mo mu no, sɛ meyɛɛ wɔ Tiro ne Sidon a, anka ɛhɔfoɔ no de awerɛhoɔ ne ahonuo asakyera wɔn adwene dada. 14 Atemmuo da no, asɛm a ɛbɛto wɔn no bɛsene deɛ ɛbɛto Tiro ne Sidon. 15 Na wo Kapernaum, wopɛ sɛ woma wo ho so, nanso wɔbɛbrɛ wo ase de wo akɔ asaman.
16 “Obiara a ɔtie mo no tie me, na deɛ ɔpo mo no po me, na deɛ ɔpo me no nso po deɛ ɔsomaa me no.”
18 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mehunuu sɛ ɔbonsam rete afiri ɔsoro sɛ anyinam abɛhwe fam. 19 Mama mo tumi ne ahoɔden a mode bɛtiatia awɔ ne anyanyankyerɛ ne ɔtamfoɔ no tumi biara a ɔwɔ so, na biribiara nso rentumi mo. 20 Nanso mommma mo ani nnye sɛ ahonhommɔne brɛ wɔn ho ase ma mo, na mmom, momma mo ani nnye sɛ wɔatwerɛ mo din wɔ ɔsoro.”
22 “Mʼagya de nneɛma nyinaa ahyɛ me nsa; na obiara nnim Ɔba no, gye Agya no. Saa ara nso na obiara nnim Agya no, gye Ɔba no ne wɔn a Ɔba no bɛda Agya no adi akyerɛ wɔn no.”
23 Ɛkaa ɔne nʼasuafoɔ no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Nhyira ne aniwa a ɛhunu deɛ mohunu! 24 Ɛfiri sɛ, adiyifoɔ ne ahene pii pɛɛ sɛ anka wɔhunu deɛ mohunu yi na wɔte deɛ mote yi, nanso wɔanhunu na wɔante.”
26 Yesu nso bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔatwerɛ wɔ Mose mmara no mu? Na wote aseɛ sɛn?”
27 Ɔbuaa no sɛ, “Mmara no ka sɛ, ‘Fa wʼakoma, ne wo kra, ne wʼahoɔden, ne wʼadwene nyinaa dɔ Awurade, wo Onyankopɔn, na dɔ wo yɔnko sɛ wo ho!’ ”
28 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woabua no yie. Yɛ yeinom na wobɛnya nkwa.”
29 Nanso, ɔbarima no pɛɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ ɔdi mmara no nyinaa so enti, ɔbisaa Yesu sɛ, “Hwan ne me yɔnko?”
36 “Afei, saa nnipa baasa yi mu hwan na ɔyɛɛ ne yɔnko?”
37 Mmaranimfoɔ no buaa sɛ, “Deɛ ɔhunuu opirafoɔ no mmɔbɔ no.”
41 Awurade buaa no sɛ, “Marta, Marta, wodwennwene ha wo ho wɔ nneɛma pii ho. 42 Adeɛ baako pɛ na ɛhia; ɛno na Maria afa no; na wɔrennye mfiri ne nsam.”
<- Luka 9Luka 11 ->