6 “Enti, monyɛ den! Monhwɛ na monni nkyerɛkyerɛ a wɔatwerɛ wɔ Mose Mmara Nwoma no mu no so pɛpɛɛpɛ. Monntwe mo ho mfiri ho kwan biara so. 7 Monhwɛ yie sɛ mo ne nnipa foforɔ a wɔda so te asase no so no nnya ayɔnkofa biara. Mpo, mommmɔ wɔn anyame din na moabɔ wɔn din aka ntam anaasɛ moasom wɔn. 8 Na monni Awurade, mo Onyankopɔn no nokorɛ sɛdeɛ moayɛ abɛsi ɛnnɛ yi.
9 “Ɛfiri sɛ, Awurade apamo amanaman akɛseɛ a wɔyɛ dene ama mo, enti obiara nni hɔ a watumi adi mo so nkonim. 10 Mo mu biara bɛtumi atu atamfoɔ apem agu, ɛfiri sɛ, Awurade, mo Onyankopɔn ko ma mo sɛdeɛ wahyɛ bɔ no. 11 Enti, monhwɛ yie na monnɔ Awurade, mo Onyankopɔn no.
12 “Nanso sɛ motwe mo ho firi ne ho, na mone saa amanaman yi nkaeɛfoɔ a wɔwɔ mo mu yi di awadeɛ a, 13 ɛnneɛ akyinnyeɛ biara nni ho sɛ Awurade, mo Onyankopɔn rempamo wɔn mfiri mo asase so. Mmom, wɔbɛyɛ afidie ama mo, ɔyea wɔ mo mfe mu ne kasɛɛ a ɛhyɛ mo aniwa mu, na wɔbɛtɔre mo ase afiri asase pa yi a Awurade, mo Onyankopɔn de ama mo yi so.
14 “Ɛrenkyɛre biara mɛwu, sɛdeɛ obiara korɔ no. Mo akoma mu no monim sɛ ɛbɔ biara a Awurade, mo Onyankopɔn hyɛeɛ no aba mu. Bɔhyɛ no mu biara nni hɔ a amma mu! 15 Nanso, sɛdeɛ Awurade, mo Onyankopɔn de nnepa a ɔhyɛɛ ho bɔ maa mo no, saa ara na sɛ moannyɛ ɔsetie amma no a ɔde amanehunu bɛba mo so. Ɔbɛpra mo afiri saa asase pa a ɔde ama mo yi so. 16 Sɛ mobu Awurade, mo Onyankopɔn apam no so na mosɔre anaa mosom anyame foforɔ a, nʼabufuo bɛhye mo na ɔbɛpra mo ntɛm so afiri asase pa a ɔde ama mo no so.”
<- Yosua 22Yosua 24 ->