3 Na Awurade bisaa Satan sɛ, “Woadwene mʼakoa Hiob ho anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asase so, ne ho nni asɛm na ɔtene. Ɔyɛ onipa a ɔsuro Onyankopɔn na ɔkyiri bɔne. Ɛwom sɛ wohyɛɛ me sɛ mensɛe no a menni nnyinasoɔ biara deɛ, nanso ɔda so gyina ne pɛpɛyɛ no mu.”
4 Satan buaa Awurade sɛ, “Wedeɛ pere wedeɛ. Onipa de deɛ ɔwɔ nyinaa bɛma de apere ne nkwa. 5 Sɛ ɛbɛtumi a tene wo nsa fa ka ne honam ne ne nnompe, na ɔbɛdome wo wɔ wʼanim!”
6 Awurade ka kyerɛɛ Satan sɛ, “Ɛyɛ, ɔwɔ wo nsam na ne nkwa deɛ, gyaa mu ma no.”
7 Enti, Satan firii Awurade anim, na ɔmaa akuro a ɛyɛ yea totɔɔ Hiob ho firi ne nan ase kɔsii nʼapampam. 8 Afei, na kyɛmferɛ na Hiob de dwi ne ho, ɛberɛ a ɔte nsõ mu.
9 Ne yere bisaa no sɛ, “Woda so kura wo pɛpɛyɛ no mu ara? Dome Onyankopɔn, na wu!”
10 Na Hiob buaa no sɛ, “Wokasa sɛ ɔbaa a ɔyɛ ɔkwasea. Ade pa deɛ, yɛagye afiri Onyankopɔn nsam na ade bɔne na yɛmpo anaa?”
- a Na Elifas yɛ Edomni a ɔfiri Teman.