6 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Me berɛ nnuruiɛ; na mo deɛ, ɛberɛ biara yɛ ma mo. 7 Mo deɛ nnipa tan mo a ɛnyɛ yie, nanso me deɛ wɔtan me a ɛyɛ yie, ɛfiri sɛ, daa meka bɔne a wɔyɛ no kyerɛ wɔn. 8 Mo deɛ, monni ɛkan nkɔ afahyɛ no, na me deɛ, mennya nkɔeɛ, ɛfiri sɛ, me berɛ nnuruiɛ.” 9 Ɔkaa saa asɛm yi kyerɛɛ wɔn akyi no, ɔtenaa Galilea.
10 Yesu nuanom, kɔeɛ akyi no, ɔno nso kɔɔ afahyɛ no ase bi a wamma obiara anhunu no. 11 Yudafoɔ mpanin no hwehwɛɛ no afahyɛ no ase na wɔanhunu no no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Onipa a yɛrehwehwɛ no no wɔ he?”
12 Nnipa no kaa ne ho nsɛm huhuhuhu ɛfiri sɛ, na wɔsuro Yudafoɔ mpanin no. Ebinom se, “Ɔyɛ onipa pa.”
16 Yesu buaa wɔn sɛ, “Deɛ merekyerɛ no mfiri mʼankasa, na mmom ɛfiri Onyankopɔn a ɔsomaa me no. 17 Sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn apɛdeɛ a, ɔbɛhunu sɛ me nkyerɛkyerɛ no firi Onyankopɔn nkyɛn anaa ɛfiri mʼankasa. 18 Obiara a ɔde nʼadwene kasa no pɛ animuonyam ma ne ho, na obiara a ɔpɛ animuonyam ma deɛ ɔsomaa no no yɛ ɔnokwafoɔ a nnaadaa biara nni ne mu. 19 Mose amma mo mmara anaa? Nanso, mo mu biara nni saa mmara no so! Adɛn enti na mopɛ sɛ mokum me?”
20 Nnipa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Gyama honhommɔne bi hyɛ wo so? Hwan na ɔrehwehwɛ wo akum wo?”
21 Yesu buaa wɔn sɛ, “Anwanwadeɛ baako pɛ a mayɛ enti na mo ho adwiri mo sɛɛ yi. 22 Mose maa mo twetiatwa (mpo ɛnyɛ sɛ Mose na ɔhyɛɛ ho mmara na ɛyɛ mo nananom) nanso, motwa twetia homeda. 23 Sɛ motwa twetia homeda na moanto Mose mmara a, adɛn enti na sɛ masa obi yadeɛ homeda a, mo bo fu me? 24 Mommmu atɛn kwa. Monhwɛ biribiara a mohunu no yie ansa na moabu ho atɛn.”
28 Yesu gu so rekyerɛkyerɛ wɔ asɔredan mu no, ɔteaa mu kaa sɛ, “Ɛwom sɛ monim me na monim faako nso a mefiri baeɛ, nanso, ɛnyɛ me ara me pɛ na mede baeɛ, na deɛ ɔsomaa me no yɛ ɔnokwafoɔ, nanso monnim no; 29 na me deɛ, menim no ɛfiri sɛ, mefiri ne nkyɛn na mebaeɛ na ɔno na ɔsomaa me.”
30 Nʼano siiɛ no, wɔpɛɛ sɛ anka wɔkyere no nanso obiara antumi amfa ne nsa anka no, ɛfiri sɛ, na ne berɛ a ɛsɛ sɛ wɔkyere no no nnuruiɛ. 31 Nnipa no mu fa kɛseɛ no ara gyee no dii, na wɔbisaa sɛ, “Sɛ Agyenkwa no ba a, ɔbɛtumi ayɛ anwanwadeɛ bebree sene deɛ ɔbarima yi ayɛ no anaa?”
32 Farisifoɔ no tee huhuhuhu no a nnipa no yɛ faa Yesu ho no, wɔne asɔfoɔ mpanin no somaa asɔrefie awɛmfoɔ bi sɛ wɔnkɔkyere Yesu mmra.
33 Yesu ka kyerɛɛ nnipakuo no sɛ, “Nna kakra bi na aka me a me ne mo bɛtena na masane akɔ deɛ ɔsomaa me no nkyɛn. 34 Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ.”
35 Ɛberɛ a Yudafoɔ mpanin no tee asɛm a Yesu kaeɛ no, wɔbisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Ɛhefa na ɔse ɔrebɛkɔ a enti yɛrenhunu no yi? Anaasɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ Helafoɔ nkuro a Yudafoɔ tete mu no mu kɔkyerɛkyerɛ wɔn? 36 Sɛ ɔka sɛ, ‘Mobɛhwehwɛ me, nanso morenhunu me, ɛfiri sɛ, faako a merekɔ no morentumi nkɔ hɔ’ a, na ɔkyerɛ sɛn?”
40 Nnipa no tee asɛm a Yesu kae no, ebinom kaa sɛ, “Ampa ara, onipa yi ne odiyifoɔ no!”
41 Afoforɔ nso kaa sɛ, “Ɔno ne Kristo no!”
46 Asomfoɔ no buaa sɛ, “Nsɛm a onipa no ka no, ɛyɛ nwanwa na yɛntee bi da.”
47 Farisifoɔ no sane bisaa asomfoɔ no sɛ, “Mo nso wadaadaa mo anaa? 48 Moahunu sɛ mpanimfoɔ anaa Farisifoɔ no bi agye no adi anaa? 49 Dabi, ɛremma saa, na mmom ɛyɛ wɔn a wɔnnim mmara no na wɔadome wɔn no na wɔbɛgye no adi.”
50 Saa ɛberɛ no, na Nikodemo a ɔyɛ Farisini a da bi ɔwiaa ne ho kɔɔ Yesu nkyɛn anadwo no nso wɔ hɔ bi. 51 Ɔno na ɔbisaa sɛ, “Enti yɛn mmara ma ho kwan ma yɛbu obi fɔ wɔ ɛberɛ a yɛntee nʼanom asɛm, nhunuu deɛ wayɛ anaa?”
52 Wɔbuaa no sɛ, “Wo nso wofiri Galilea anaa? Hwehwɛ Atwerɛsɛm no mu yie na wobɛhunu sɛ odiyifoɔ biara rentumi mfiri Galilea da.”
53 Afei, obiara firii hɔ kɔeɛ a wɔantumi ansi gyinaeɛ biara.
<- Yohane 6Yohane 8 ->