7 Ɔyarefoɔ no buaa no sɛ, “Me wura, sɛ ɔbɔfoɔ no bɛhono nsuo no a, mennya obi a ɔbɛma me so ato mu. Ɛberɛ biara a mɛbɔ me ho mmɔden sɛ merekɔ nsuo no mu no, obi di me ɛkan.”
8 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Sɔre! Bobɔ wo kɛtɛ na kɔ efie.” 9 Amonom hɔ ara, ɔbarima no ho yɛɛ no den; ɔbobɔɔ ne kɛtɛ, hyɛɛ aseɛ nanteeɛ.
11 Ɔbarima yi de ahopopoɔ yii ne ho ano sɛ, “Onipa a ɔsaa me yadeɛ no na ɔka kyerɛɛ me sɛ, mensoa me kɛtɛ na menkɔ.”
12 Wɔtee saa no, wɔbisaa no sɛ, “Hwan ne saa onipa yi?”
13 Nso na deɛ ne ho yɛɛ no den no nnim Yesu. Afei, nso na Yesu afiri nnipa no mu kɔ.
14 Akyire yi, Yesu hyiaa ɔbarima yi wɔ asɔredan mu tuu no fo sɛ, “Afei a wo ho ayɛ wo den yi, hwɛ yie na woankɔyɛ bɔne bio amma biribi a ɛsene kane yadeɛ no amma wo so.” 15 Ɔbarima yi firii hɔ kɔka kyerɛɛ Yudafoɔ mpanin no sɛ ɛyɛ Yesu na ɔsaa no yadeɛ no.
19 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Ɔba no ntumi mfiri ne pɛ mu nyɛ biribi, na mmom, ɔyɛ deɛ ɔhunu sɛ nʼAgya yɛ no bi. 20 Ɛfiri sɛ, Agya no dɔ Ɔba no na biribiara a Agya no yɛ no, ɔma Ɔba no hunu. Na Ɔba no bɛyɛ nnwuma akɛseɛ a ɛsene saa ɔbarima yi ayaresa yi ama mo ho adwiri mo. 21 Na sɛdeɛ Agya no nyane awufoɔ no, saa ara nso na Ɔba no nyane awufoɔ a ɔpɛ sɛ ɔnyane wɔn no. 22 Afei koraa, mʼAgya mmu obiara atɛn. Ɔde saa atemmuo tumi no ahyɛ Ɔba no nsa, 23 sɛdeɛ ɛbɛyɛ a obiara bɛdi Ɔba no ni sɛdeɛ wɔdi Agya no ni no. Obiara a ɔnni Ɔba no ni no, nni Agya a ɔsomaa no no nso ni.
24 “Mereka nokorɛ akyerɛ mo sɛ: Obiara a ɔtie me nsɛm na ɔgye deɛ ɔsomaa me no di no, wɔ nkwa a ɛnni awieeɛ. Wɔremmu no atɛn, ɛfiri sɛ, wafiri owuo mu aba nkwa mu. 25 Mereka nokorɛ bio sɛ, ɛberɛ bi reba, na mpo saa ɛberɛ no anya aba a awufoɔ bɛte Onyankopɔn Ba no nne, na wɔn a wɔte ne nne no bɛnya nkwa. 26 Sɛdeɛ Agya no yɛ nkwamafoɔ no, saa ara nso na wama ne Ba no tumi ama wayɛ nkwamafoɔ. 27 Wama Ɔba no tumi a ɔde bu atɛn, ɛfiri sɛ, ɔno ne Onipa Ba no.
28 “Mommma saa asɛm yi nnyɛ mo nwanwa, ɛfiri sɛ, ɛberɛ bi reba a awufoɔ a wɔwɔ wɔn damena mu mpo bɛte me nne, 29 na wɔasɔresɔre. Wɔn a wɔayɛ papa no bɛnyane atena nkwa mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no nso, wɔabu wɔn fɔ. 30 Merentumi mfiri mʼankasa me tumi mu nyɛ biribiara; asɛm a Onyankopɔn aka akyerɛ me no so na megyina bu atɛn. Ɛno enti, atɛn a mebu no yɛ nokorɛ.
33 “Moasoma nnipa akɔ Yohane nkyɛn na wadi adanseɛ a ɛyɛ nokorɛ. 34 Nnipa adansedie ho nhia me ansa na moahunu onipa ko a meyɛ. Na mmom, meka Yohane adanseɛ a ɔdii no kyerɛ mo sɛ deɛ ɛbɛyɛ na Onyankopɔn bɛgye mo nkwa. 35 Yohane nsɛm a ɔkaeɛ yɛ kanea a wɔasɔ na ɛhyerɛn, na ɛmaa mo ani gyeeɛ.
36 “Me nnwuma a mʼAgya de ama me sɛ menyɛ no di me ho adanseɛ sene Yohane. 37 Ɛwom sɛ monhunuu Agya no anim da, na montee ne nne nso da, nanso wadi me ho adanseɛ. 38 Na nʼasɛm no nso mommfa nsie mo tirim, ɛfiri sɛ, monnnye me a ɔsomaa me no nni. 39 Mosua Atwerɛsɛm no ɛfiri sɛ, mogye di sɛ ɛno na ɛbɛma mo anya nkwa a ɛnni awieeɛ. Nanso, saa Atwerɛsɛm korɔ no ara di me ho adanseɛ! 40 Yei nyinaa akyi no, mommpɛ sɛ moba me nkyɛn na moanya nkwa!
41 “Merenhwehwɛ nnipa anim animuonyam. 42 Menim nnipa ko a moyɛ. Menim sɛ monni Onyankopɔn ho dɔ. 43 Mebaa mʼAgya din mu nanso moannye me. Nanso, sɛ obi ba wɔ ɔno ara ne din mu na ɔbɛyɛ deɛ ɔpɛ a, ɛno deɛ, mogye no. 44 Mopɛ sɛ nnipa kamfo mo mmom sene sɛ Onyankopɔn bɛkamfo mo. Ɛbɛyɛ dɛn na moagye me adi?
45 “Ɛnyɛ me na mɛka asɛm bi atia mo Agya no anim, na mmom, ɛyɛ Mose a mode mo ani too ne mmara so sɛ ɛno na monam so bɛkɔ Onyankopɔn Ahennie mu no. 46 Sɛ mogyee Mose diiɛ a, anka me nso mobɛgye me adi, ɛfiri sɛ, nsɛm a ɔtwerɛeɛ no di me ho adanseɛ. 47 Na ɛsiane sɛ moannye nsɛm a ɔtwerɛeɛ no anni no enti, ɛnyɛ nwanwa sɛ monnye me nni.”
<- Yohane 4Yohane 6 ->