4 Ɔrekɔ no, na ɛsɛ sɛ ɔfa Samaria. 5 Ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no, na Yesu abɛn Samaria kuro bi a wɔfrɛ no Sikar a ɛbɛn asase bi a Yakob de maa ne ba Yosef no ho. 6 Ɛhɔ na na Yakob abura wɔ. Esiane ɔbrɛ a na Yesu abrɛ enti, ɔtenaa abura no ho sɛ ɔregye nʼahome. Na saa ɛberɛ no bɛyɛ awia nnɔndumienu.
7 Ankyɛre, Samariani baa bi baa hɔ bɛtoo nsuo, na Yesu srɛɛ no sɛ, “Ma me nsuo no bi nnom.” 8 Saa ɛberɛ no, na Yesu asuafoɔ no kɔ kuro no mu kɔtɔ aduane.
9 Samariani baa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɛyɛ me nwanwa sɛ wo a woyɛ Yudani rebisa nsuo afiri me a meyɛ Samariani nkyɛn.” Na Yudafoɔ ne Samariafoɔ nni hwee yɛ.
10 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ wonim akyɛdeɛ a Onyankopɔn de ma onipa anaa onipa ko a ɔresrɛ wo nsuo yi a, anka wobɛsrɛ no, na wama wo nkwa nsuo.”
11 Ɔbaa no bisaa sɛ, “Owura, wonni ahoma, nni bokiti, abura yi mu nso dɔ yie, na ɛhe na wobɛnya saa nkwa nsuo no afiri? 12 Woyɛ ɔkɛseɛ sene yɛn agya Yakob a ɔtuu abura yi maa yɛn na ɔne ne mma, ne nnwan ne nʼanantwie nom mu nsuo bi no anaa?”
13 Yesu buaa no sɛ, “Obiara a ɔnom saa nsuo yi bi no, osukɔm de no bio, 14 nanso deɛ ɔbɛnom nsuo a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da. Nsuo a mede bɛma no no bɛyɛ sɛ asutire a ɛrenwe da wɔ ne mu, na ɛbɛma no nkwa a ɛrensa da.”
15 Ɔbaa no srɛɛ no sɛ, “Owura, ma me saa nkwa nsuo yi bi na osukɔm anne me bio, na daa mantwa kwan ammɛto nsuo.”
16 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔfrɛ wo kunu na wo ne no mmra.”
17 Ɔbaa no buaa no sɛ, “Me wura, menni kunu.”
19 Ɔbaa no kaa sɛ, “Owura, mehunu sɛ woyɛ odiyifoɔ. 20 Yɛn agyanom Samariafoɔ somm Onyankopɔn wɔ saa bepɔ yi so, nanso mo Yudafoɔ deɛ, moka sɛ Yerusalem nko ara na ɛsɛ sɛ yɛsom Onyankopɔn.”
21 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Merema woate aseɛ sɛ berɛ bi bɛba a nnipa rensom Agya no wɔ saa bepɔ yi so anaa Yerusalem. 22 Mo Samariafoɔ nnim deɛ mosom no. Nanso, yɛn Yudafoɔ deɛ, yɛnim deɛ yɛsom no, ɛfiri sɛ, Yudafoɔ so na nkwagyeɛ nam ba. 23 Nna bi reba, na mpo aba dada sɛ, nokorɛ asomfoɔ bɛsɔre Agya no wɔ Honhom ne nokorɛ mu. Yeinom ne asomfoɔ a Agya no hwehwɛ. 24 Onyankopɔn yɛ Honhom, na wɔn a wɔsom no no, ɛsɛ sɛ wɔsom no Honhom ne nokorɛ mu.”
25 Ɔbaa no ka kyerɛɛ no sɛ, “Menim sɛ Mesia no a wɔfrɛ no Kristo no bɛba, na sɛ ɔba a, ɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn biribiara mu.”
26 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Me a me ne wo rekasa yi, mene Kristo no.”
27 Yesu ano siiɛ pɛ na nʼasuafoɔ no sane baeɛ. Ɛyɛɛ asuafoɔ no nwanwa sɛ wɔbɛtoo Yesu sɛ ɔne ɔbaa bi redi nkɔmmɔ. Nanso, wɔn mu biara ammisa ɔbaa no deɛ ɔrehwehwɛ ne Yesu nso deɛ enti a ɔne saa ɔbaa no redi nkɔmmɔ no.
28 Afei, ɔbaa yi gyaa nʼasuhina no hɔ sane kɔɔ kuro no mu kɔka kyerɛɛ kurom hɔfoɔ sɛ, 29 “Mommra mmɛhwɛ ɔbarima bi a waka kɔkoam nneɛma a mayɛ akyerɛ me! Anaa, ɔno ne Agyenkwa no?” 30 Nnipa a wɔtee asɛm yi nyinaa bɔɔ twi kɔhwɛɛ Yesu.
31 Afei, asuafoɔ no ka kyerɛɛ Yesu sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, didi.”
32 Yesu buaa wɔn sɛ, “Mewɔ aduane a medi a monnim ho hwee.”
33 Ɛmaa asuafoɔ no bisabisaa wɔn ho wɔn ho sɛ, “Obi abrɛ no aduane bi anaa?”
34 Yesu buaa sɛ, “Mʼaduane ne sɛ meyɛ deɛ ɔsomaa me no apɛdeɛ na mewie dwuma a ɔde maa me sɛ memmɛdi no. 35 Moka sɛ, ‘Abosome anan mu, otwaberɛ bɛduru.’ Mommue mo ani nhwɛ mo ho nhyia, na mobɛhunu sɛ aburoo ahoa a ɛkyerɛ sɛ, otwaberɛ aduru! 36 Otwafoɔ nya nʼakatua a ɛsɛ no na ɔboaboa deɛ watwa no ano ma nkwa a ɛnsa da. Yei ma deɛ ɔdua ne deɛ ɔtwa no nyinaa ani gye. 37 Ɛyɛ nokorɛ pefee sɛ, ‘Obi dua na obi twa.’ 38 Mesomaa mo kɔɔ baabi sɛ monkɔtwa deɛ ɛnyɛ mo na moduaeɛ. Nnipa foforɔ na wɔduaeɛ na mo deɛ, moanya mfasoɔ afiri adwuma a wɔyɛ no mu.”
42 Nnipa a wɔgyee no dii no ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ, “Ɛnyɛ adanseɛ a wobɛdiiɛ no enti na yɛgye no di, na mmom nsɛm a yɛate sɛ ɔka no enti na yɛagye no adi. Na yɛnim sɛ ɔno ne ewiase Agyenkwa no.”
48 Yesu kaa sɛ, “Menyɛ nsɛnkyerɛnneɛ nkyerɛ mo ansa na moagye me adi anaa?”
49 Ɔsomfoɔ panin no de ahoyera ka kyerɛɛ no sɛ, “Owura, mesrɛ wo, ma yɛnkɔ ntɛm, anyɛ saa a, me ba no bɛwu.”
50 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ efie, wo ba no ho ayɛ no den!”
53 Ɔbarima no tee asɛm no pɛ na ɔkaee sɛ ɛyɛ saa ɛberɛ korɔ no ara mu na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Kɔ na wo ba no ho ayɛ no den no.” Yei maa ɔbarima no ne ne fiefoɔ nyinaa gyee Yesu diiɛ.
54 Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtɔ so mmienu a Yesu firii Yudea baa Galilea no ɔyɛeɛ.
<- Yohane 3Yohane 5 ->