4 Adeɛ kyee anɔpa a anim retete no, Yesu bɛgyinaa mpoano hɔ, nanso na asuafoɔ no nnim sɛ ɛyɛ ɔno.
5 Ɔfrɛɛ asuafoɔ no bisaa wɔn sɛ, “Anuanom, moayi nam bi anaa?”
6 Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mongu mo asau no wɔ nifa fam na mobɛyi nam.” Wɔguu asau no sɛdeɛ ɔkaeɛ no. Nam yɛɛ asau no ma sei tɔ a na wɔtwe a ɛntwe.
7 Afei, osuani a Yesu dɔ no no ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Ɛyɛ Awurade.” Ɛberɛ a Simon Petro tee sɛ ɛyɛ Awurade no, ɔhyɛɛ nʼatadeɛ, huri tɔɔ nsuo no mu dware kɔɔ mpoano hɔ. 8 Asuafoɔ a wɔaka no tenaa kodoɔ no mu baa mpoano hɔ bi. Wɔreba no, na wɔretwe asau a na nam ahyɛ no ma sei tɔ no. Ɛkwan a ɛfiri faako a wɔwɔ wɔ ɛpo no so ba mpoano hɔ no bɛyɛ mita ɔha. 9 Wɔduruu mpoano hɔ no wɔhunuu sɛ obi asɔ ogya retoto nam na burodo bi nso gu nkyɛn.
10 Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Momfa nam a moayi no bi mmra.” 11 Simon Petro foro kɔɔ kodoɔ no mu kɔtwee asau a na nam akɛseɛ bɛyɛ ɔha aduonum mmiɛnsa wɔ mu no baa mpoano hɔ. Ɛwom sɛ na nam ayɛ asau no ma deɛ, nanso antete. 12 Yesu frɛɛ wɔn sɛ, “Mommɛdidi.” Asuafoɔ no mu biara ammisa no onipa ko a ɔyɛ ɛfiri sɛ, na wɔnim sɛ ɛyɛ Awurade. 13 Yesu faa burodo no kyekyɛ maa wɔn. Yei akyi no, ɔkyɛɛ nam a na wɔatoto no nso maa wɔn. 14 Yei ne ne mprɛnsa so a Yesu sɔre firii awufoɔ mu no, ɔyii ne ho adi kyerɛɛ nʼasuafoɔ no.
16 Yesu sane bisaa no sɛ, “Yohane ba Simon, wodɔ me anaa?”
17 Yesu bisaa no ne mprɛnsa so sɛ, “Yohane ba Simon, ampa ara sɛ wodɔ me?”
20 Petro twaa nʼani hwɛɛ nʼakyi hunuu sɛ osuani a Yesu dɔ no no di wɔn akyi. Saa osuani yi ne obi a wɔredidi no, ɔtwe bɛn Yesu bisaa no sɛ, “Awurade, hwan na ɔbɛyi wo ama” no? 21 Petro hunuu saa osuani yi no, ɔbisaa Yesu sɛ, “Awurade, na yei nso ɛdeɛn na ɛbɛto no?”
22 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn? Wo deɛ, di mʼakyi.” 23 Asɛm a Yesu ka faa saa osuani yi ho no maa Yesu akyidifoɔ no mu pii susuu sɛ, saa osuani no renwu da. Nanso, na ɛnyɛ deɛ Yesu hwehwɛ akyerɛ ne no, ɛberɛ a ɔkaa sɛ, “Sɛ mepɛ sɛ ɔtena hɔ kɔsi sɛ mɛsane aba a, ɛfa wo ho bɛn?”
24 Saa osuani yi ne onipa a ɔdi yeinom nyinaa ho adanseɛ na ɔtwerɛeɛ nso. Yɛnim sɛ nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ.
25 Nneɛma bebree wɔ hɔ nso a Yesu yɛeɛ a wɔantwerɛ, na sɛ wɔtwerɛeɛ no mmaako mmaako a, anka megye di sɛ ɛrensene ewiase.
<- Yohane 20