3 Petro ne saa osuani yi tee asɛm no no, wɔtuu mmirika kɔɔ ɛda no so. 4 Nanso, saa osuani yi maa ne mmirika mu yɛɛ den twaa Petro ho kɔduruu hɔ kane. 5 Ɔduruu ɔboda no ano no, wanwura mu. Ɔbɔɔ ne mu ase hwɛɛ mu hunuu sɛ nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no gu hɔ. 6 Simon Petro deɛ, ɔbɛduruu hɔ no, ɔwuraa ɔboda no mu. Ɔhunuu nwera a wɔde kyekyeree Yesu amu no sɛ ɛgu hɔ, 7 a nwera a wɔde bɔɔ ne ti no nso gu baabi. 8 Afei, osuani a ɔduruu ɔboda no ho kane no nso wuraa mu hunuu saa nneɛma no maa ɔgye diiɛ. 9 Saa ɛberɛ no nyinaa na asuafoɔ baanu yi nnya ntee deɛ Atwerɛsɛm aka afa Yesu wusɔreɛ ho no ase. 10 Afei, asuafoɔ no firii hɔ kɔɔ efie.
13 Wɔbisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn na woresu sɛɛ yi?”
15 Yesu bisaa no sɛ, “Ɔbaa, adɛn enti na woresu sɛɛ yi? Hwan na worehwehwɛ no?”
16 Yesu frɛɛ no sɛ, “Maria!”
17 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Nsɔ me mu, ɛfiri sɛ, mennya nkɔɔ mʼAgya nkyɛn; kɔka kyerɛ mʼasuafoɔ no sɛ, meresane akɔ mʼAgya a ɔyɛ wɔn agya ne me Onyankopɔn a ɔyɛ wɔn nso Onyankopɔn no nkyɛn.”
18 Maria Magdalene firii hɔ kɔbɔɔ asuafoɔ no amaneɛ sɛ wahunu Awurade na ɔkaa asɛm a Yesu ka kyerɛɛ no no kyerɛɛ wɔn.
21 Yesu sane kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo.” Afei, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Sɛdeɛ Agya no somaa me no, saa ara na me nso meresoma mo.” 22 Yei akyi, ɔhome guu wɔn so kaa sɛ, “Honhom Kronkron no mmra mo so. 23 Sɛ mode obi bɔne kyɛ no a, wɔde bɛkyɛ no; na sɛ moamfa obi bɔne ankyɛ no a, wɔremfa nkyɛ no.”
26 Nnawɔtwe akyi, asuafoɔ no sane hyiaeɛ bio a na Toma ka wɔn ho. Ɛwom sɛ na wɔatoto apono no mu deɛ, nanso Yesu sane baa hɔ kyeaa wɔn bio sɛ, “Asomdwoeɛ nka mo!” 27 Afei, Yesu frɛɛ Toma ka kyerɛɛ no sɛ, “Fa wo nsa bɛka me nsam ne me mfem. Nnye akyinnyeɛ bio. Gye di!”
28 Toma de ahonuo kaa sɛ, “Wo ne mʼAwurade ne me Onyankopɔn!”
29 Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Woahunu me no enti, na woagye adi; nhyira nka wɔn a wɔnhunuu me nanso wɔgye me di.”
30 Yesu yɛɛ anwanwadeɛ ahodoɔ bebree kyerɛɛ nʼasuafoɔ no a wɔantwerɛ wɔ saa nwoma yi mu. 31 Nanso, biribiara a wɔatwerɛ wɔ saa nwoma yi mu no, wɔatwerɛ sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mobɛgye adi sɛ, Yesu ne Agyenkwa, ne Onyankopɔn Ba no; na sɛ mogye no di a, mobɛnya nkwa.
<- Yohane 19Yohane 21 ->