1 Pilato ma wɔbɔɔ Yesu mmaa. 2 Asraafoɔ no de nkasɛɛ nwonoo ahenkyɛ de hyɛɛ Yesu; afei, wɔde atadeɛ kɔkɔɔ nso hyɛɛ no. 3 Wɔdii ne ho fɛw, bobɔɔ no asotorɔ, kaa sɛ, “Yudafoɔ ɔhene, wo nkwa so!”
4 Pilato firii adi kɔka kyerɛɛ ɛdɔm no bio sɛ, “Mɛsane de no abrɛ mo ama moahunu sɛ menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ.” 5 Ɛberɛ a Yesu firii adi baeɛ no, na ɔhyɛ ahenkyɛ a wɔde nkasɛɛ anwono ne atadeɛ kɔkɔɔ. Pilato ka kyerɛɛ dɔm no sɛ, “Onipa no ni!”
6 Ɛberɛ a asɔfoɔ mpanin ne awɛmfoɔ no hunuu Yesu no, wɔteateaam sɛ, “Bɔ no asɛnnua mu! Bɔ no asɛnnua mu!”
7 Yudafoɔ no buaa sɛ, “Yɛwɔ mmara a ɛkyerɛ sɛ, ɛsɛ sɛ ɔwu, ɛfiri sɛ, ɔkaa sɛ, ɔyɛ Onyankopɔn Ba.”
8 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a wɔkaeɛ no, ɔbɔɔ hu yie. 9 Ɔsane kɔɔ ahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Ɛhe na wofiri?” Nanso Yesu ammua no. 10 Pilato bisaa no sɛ, “Woremmua me anaa? Ɛsɛ sɛ wohunu sɛ, mewɔ tumi sɛ megyaa wo na mewɔ tumi nso sɛ mema wɔbɔ wo asɛnnua mu!”
11 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ Onyankopɔn amfa saa tumi no amma wo a, anka wonni me so tumi biara. Enti onipa a ɔde me brɛɛ wo no na wayɛ bɔne a ɛso.”
12 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yesu kaeɛ no, ɔhwehwɛɛ ɛkwan bi a ɔbɛfa so agyaa no. Nanso, Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Sɛ wogyaa no a, na wonyɛ Kaesare adamfo! Obiara a ɔyɛ ne ho ɔhene no tia Kaesare!”
13 Ɛberɛ a Pilato tee asɛm a Yudafoɔ no kaeɛ no, ɔde Yesu firii adi na ɔbɛtenaa nʼatemmuo adwa so wɔ faako a wɔfrɛ hɔ Aboɔ Nsɛmeeɛ, a Hebri kasa mu, ɛyɛ “Gabata.” 14 Adeɛ rebɛkye ama Twam Afahyɛ no aduru so no, ɛbɛyɛ owigyinaeɛ no.
15 Ɛdɔm no nso teateaa mu bio sɛ, “Fa no kɔ! Bɔ no asɛnnua mu!”
16 Afei, Pilato de Yesu maa Yudafoɔ no sɛ wɔnkɔbɔ no asɛnnua mu.
19 Pilato twerɛɛ sɛ:
22 Pilato kaa sɛ, “Deɛ matwerɛ no, matwerɛ.”
23 Asraafoɔ no bɔɔ Yesu asɛnnua mu wieeɛ no, wɔkyɛɛ ne ntadeɛ mu maa asraafoɔ ɛnan no. Na saa atadeɛ no yɛ atadeɛ bi a, wɔanwono firi ne ɔsoro kɔsi ne fam a ɛnni mpameeɛ.
24 Asraafoɔ no nyinaa kaa sɛ, “Mommma yɛnntete mu. Momma yɛmmɔ so ntonto na yɛnhunu onipa a ɔbɛnya.”
25 Nnipa a na wɔgyina Yesu asɛnnua no ho pɛɛ no ne ne maame, ne maame nuabaa, Maria, a ɔyɛ Kleopa yere ne Maria Magdalene. 26 Yesu hunuu ne maame ne osuani a ɔdɔ no no sɛ wɔgyina hɔ no, ɔka kyerɛɛ ne maame sɛ, “Ɔbaa, wo ba nie.” 27 Afei, ɔka kyerɛɛ osuani no sɛ, “Wo maame nie.” Ɛfiri saa ɛberɛ no, osuani no faa no ne no kɔtenaeɛ.
31 Na da no yɛ ahosiesie da, na Yudafoɔ mpanimfoɔ no mpɛ sɛ wɔma amu no sensɛn asɛnnua no so kɔsi nʼadekyeeɛ a wɔbɛdi Twam Afahyɛ no. Enti, wɔkɔka kyerɛɛ Pilato sɛ wɔpɛ sɛ wɔbubu nnipa no nan sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wɔbɛtumi ayiyi wɔn amu no afiri asɛnnua no so. 32 Asraafoɔ no kɔbubuu ɔbarima a ɔdi ɛkan a ɔka nnipa baanu a wɔbɔɔ wɔne Yesu asɛnnua mu ho no nan; wɔwieeɛ no, wɔkɔbubuu ɔbarima a ɔtɔ so mmienu no nso nan[a]. 33 Nanso wɔduruu Yesu so no, wɔhunuu sɛ ɔno deɛ, na wawu dada enti wɔammubu ne nan bi. 34 Asraafoɔ no mu baako de ne pea wɔɔ ne mfe maa mogyasufi firi ne mfe mu baeɛ. 35 Onipa a ɔhunuu deɛ ɛsiiɛ no na wadi ho adanseɛ. Nʼadanseɛ no yɛ nokorɛ, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a mo nso mobɛgye adi. 36 Yeinom nyinaa sii sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, Atwerɛsɛm a ɛka sɛ, “Wɔremmu ne dompe bi” 37 ne “Nnipa bɛhwɛ deɛ wɔwɔɔ ne mfe mu pea” no bɛba mu.
- a Wɔkɔbubuu ɔbarima a: wɔyɛ yei, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a onipa a wɔabɔ no asɛnnua mu no bɛwu ntɛm.