2 Esiane sɛ na Yesu ne nʼasuafoɔ no taa kɔ hɔ no enti, na Yuda a ɔyii no maeɛ no nim hɔ. 3 Asɔfoɔ mpanin ne Farisifoɔ no somaa Yuda ne asraafoɔ ne asɔredan mu awɛmfoɔ a wɔkurakura akodeɛ ne nkanea kɔɔ faako a wɔwɔ no.
4 Yesu a na ɔnim deɛ ɛbɛba ne so nyinaa no kɔhyiaa wɔn bisaa wɔn sɛ. “Hwan na mohwehwɛ no?”
5 Wɔbuaa no sɛ, “Yesu a ɔfiri Nasaret no.”
7 Ɔsane bisaa wɔn bio sɛ, “Morehwehwɛ hwan?”
8 Yesu buaa wɔn sɛ, “Maka akyerɛ mo dada sɛ me ni. Sɛ me na morehwehwɛ me de a, ɛnneɛ momma mʼasuafoɔ no nkɔ.” 9 Ɔkaa yei nyinaa sɛdeɛ ɛbɛyɛ a nsɛm a wɔaka sɛ, “Agya, wɔn a wode wɔn maa me no mu baako koraa nyeraeɛ” no, bɛba mu.
10 Saa ɛberɛ no, Petro a na ɔkura sekan no tweeɛ, de twaa ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako aso nifa. Saa akoa no din de Malko.
11 Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ, “Fa wo sekan no sane hyɛ faako a wotwe firiiɛ. Ɛnsɛ sɛ menom kuruwa a mʼAgya de ama me no ano anaa?”
17 Abaayewa a ɔgyina ɛpono ano no bisaa Petro sɛ, “Wonyɛ saa onipa no asuafoɔ no mu baako anaa?”
18 Saa ɛberɛ no na ɛyɛ awɔberɛ, enti na asomfoɔ no ne asraafoɔ no asɔ ogya a wɔreto. Petro nso kɔgyinaa hɔ too ogya no bi.
20 Yesu buaa sɛ, “Mekaa me nsɛm nyinaa wɔ dwam na mekyerɛkyerɛɛ wɔ asɔredan ne hyiadan mu a nnipa nyinaa hyia hɔ no. Menkaa asɛm biara wɔ kɔkoam. 21 Adɛn enti na wobisa saa asɛm yi? Bisa wɔn a wɔtiee me no. Wɔn na wɔnim asɛm a mekaeɛ.”
22 Yesu kaa saa no, awɛmfoɔ no mu baako bɔɔ no sotorɔ kaa sɛ, “Wo sɛɛ ne hwan a wotumi kasa ɔsɔfopanin anim saa.”
23 Yesu buaa no sɛ, “Sɛ maka asɛmmɔne bi a, ka asɛm a mekaeɛ no na obiara a ɔwɔ ha nte bi. Na sɛ asɛm a mekaeɛ no nso yɛ nokorɛ deɛ a, adɛn enti na wobɔ me?” 24 Afei, Anas maa wɔde Yesu a wɔakyekyere ne nsa no kɔɔ Ɔsɔfopanin Kaiafa anim.
26 Ɔsɔfopanin no asomfoɔ no mu baako a na ɔyɛ deɛ Petro twaa nʼaso no busuani no bisaa no sɛ, “Ɛnyɛ wo na na wo ne no wɔ turo no mu hɔ no?” 27 Petro sane sanee bio sɛ, “Dabi.” Nʼano sii ara pɛ na akokɔ bɔneeɛ.
30 Nnipa no buaa no sɛ, “Sɛ ɔnyɛɛ bɔne biara a anka yɛamfa no amma wʼanim ha.”
31 Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo ara momfa no nkɔ na momfa mo mmara so nni nʼasɛm.”
33 Pilato sane kɔɔ nʼahemfie hɔ kɔbisaa Yesu sɛ, “Wone Yudafoɔ ɔhene no anaa?”
34 Yesu nso bisaa no sɛ, “Wo ara wʼadwene na wode rebisa me saa asɛm yi, anaasɛ nnipa bi na aka me ho asɛm akyerɛ wo?”
35 Pilato buaa Yesu sɛ, “Wosusu sɛ meyɛ Yudani anaa? Wo ara wo nkurɔfoɔ ne wɔn asɔfoɔ mpanin na wɔde wo brɛɛ me. Ɛdeɛn na woayɛ?”
36 Yesu buaa no sɛ, “Mʼahennie nnyɛ asase so ahennie; sɛ mʼahennie yɛ asase so ahennie a, anka mʼakyidifoɔ bɛko agye me afiri Yudafoɔ mpanimfoɔ no nsam. Mereka bio sɛ, mʼahennie nnyɛ asase so ahennie.”
37 Pilato see no sɛ, “Ɛnneɛ na woyɛ ɔhene?”
38 Pilato bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn ne saa nokorɛ no?” Afei, Pilato firii adi kɔɔ Yudafoɔ no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Menni asɛm biara a mɛgyina so abu no fɔ. 39 Nanso, sɛdeɛ mo Twam Afahyɛ amanneɛ te no, afeɛ biara moma megyaa ɔdeduani baako ma mo. Mopɛ sɛ megyaa Yudafoɔ ɔhene no ma mo anaa?”
40 Yudafoɔ no teateaam sɛ, “Dabi! Ɛnyɛ saa onipa yi. Gyaa Baraba ma yɛn!” Na saa Baraba yi yɛ ɔmammɔfoɔ.
<- Yohane 17Yohane 19 ->