12 Onipa bɛn na ɔnim nyansa ara sɛ ɔbɛte yei ase? Hwan na Awurade akyerɛkyerɛ no a ɔbɛtumi akyerɛ aseɛ? Adɛn enti na wɔasɛe asase no ama ada mpan sɛ anweatam a obiara ntumi mfa soɔ?
13Awurade kaa sɛ, “Esiane sɛ wɔapo me mmara a mehyɛ maa wɔn no enti, wɔanyɛ ɔsetie amma me na wɔanni me mmara so. 14 Mmom, wɔadi wɔn akoma asoɔden akyi, wɔadi Baalnom akyi sɛdeɛ wɔn agyanom kyerɛɛ wɔn no.” 15 Ɛno enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn no seɛ nie: “Hwɛ, mɛma saa nnipa yi adi aduane a ɛyɛ nwono na wɔanom nsuo a wɔde awuduro afra. 16 Mɛbɔ wɔn ahwete amanaman a wɔn anaa wɔn agyanom nnim so, na mede akofena bɛtaa wɔn kɔsi sɛ mɛsɛe wɔn.”
17 Sɛdeɛ Awurade tumfoɔ seɛ nie:
“Dwene ho! Frɛ mmaa agyaadwotwafoɔ no,
frɛ wɔn a wɔakwadare mu pa ara.
18 Ma wɔmmra ntɛm
mmesu ngu yɛn so
kɔsi sɛ yɛn ani so bɛtaataa nisuo
na nisuo adware yɛn.
19 Wɔte agyaadwotwa nnyegyeeɛ firi Sion sɛ,
‘Wɔasɛe yɛn!
Yɛn anim agu ase yie!
Ɛsɛ sɛ yɛtu firi yɛn asase so
ɛfiri sɛ, yɛn afie abubu.’ ”
20 Afei, Ao mmaa, montie Awurade asɛm;
monyɛ aso mma nsɛm a ɛfiri nʼanom.
Monkyerɛ mo mmammaa sɛdeɛ wɔtwa dwo;
monkyerɛ mo ho mo ho abubuo bɔ.
21 Owuo aforo afa yɛn mpomma mu
ahyɛne yɛn aban mu;
apamo mmɔfra afiri mmɔntene so
ne mmeranteɛ afiri ɔman adwaberem.
22 Ka sɛ, “Sei na Awurade seɛ,
“ ‘Nnipa afunu bɛdeda hɔ
te sɛ sumina a ɛgugu petee mu,
te sɛ aburoo a otwafoɔ atwa agu nʼakyi
a obiara mmoaboaa ano.’ ”
23 Yei ne deɛ Awurade seɛ:
“Mma onyansafoɔ mfa ne nyansa nhyehyɛ ne ho
anaa ɔhoɔdenfoɔ mfa nʼahoɔden nhyehyɛ ne ho
anaa ɔdefoɔ mfa nʼahonya nhyehyɛ ne ho.
24 Mmom ma deɛ ɔhyehyɛ ne ho nhyehyɛ ne ho sɛ
ɔwɔ nhunumu, na ɔnim sɛ,
me ne Awurade a ɔyɛ adɔeɛ,
na ɔbu atɛntenenee na ɔyɛ adetenenee wɔ asase so
ɛfiri sɛ yeinom na ɛsɔ mʼani,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
25 “Nna bi reba,” Awurade na ɔseɛ, “A mɛtwe wɔn a wɔatwa twetia wɔ honam fam nko ara no nyinaa aso: 26 Misraimfoɔ, Yudafoɔ, Edomfoɔ, Amonfoɔ, Moabfoɔ ne wɔn a wɔtete anweatam a ɛwɔ akyirikyiri nsase so nyinaa. Na nokorɛm, saa aman yi nyinaa yɛ momonotofoɔ na mpo Israel fiefoɔ nyinaa yɛ akoma mu momonotofoɔ.”