4 Enti Sedekia adedie afe a ɛtɔ so nkron no, bosome a ɛtɔ so edu ne da a ɛtɔ so edu no, Babiloniahene Nebukadnessar ne nʼakodɔm nyinaa tuu Yerusalem so sa; Wɔtuaa kuropɔn no, na wɔyɛɛ mpie twaa ho hyiaeɛ. 5 Wɔkaa Yerusalem hyɛɛ kɔsii ɔhene Sedekia ahennie no mfeɛ dubaako so.
6 Ɛduruu Tammus bosome (bɛyɛ Kitawonsa) da a ɛtɔ so dunwɔtwe no, Sedekia ahennie mfeɛ dubaako mu no, na ɛkɔm a aba kuropɔn no mu no ano ayɛ den yie, ama wɔn aduane a aka no nyinaa asa. 7 Na kuropɔn no ɔfasuo fa bi abu agu fam enti, asraafoɔ no nyinaa yɛɛ adwene sɛ, wɔbɛdwane afiri kuropɔn no mu. Nanso, ɛsiane sɛ na Babiloniafoɔ atwa kuropɔn no ho ahyia enti, wɔtwɛn kɔsii anadwo, na wɔdwane faa ɛpono a ɛda afasuo mmienu a ɛwɔ ɔhene no nturo no mu mu. Wɔyɛɛ ntɛm faa wiramkwan de wɔn ani kyerɛɛ Yordan bɔnhwa no. 8 Nanso, Babilonia akodɔm no taa Ɔhene Sedekia kɔtoo no wɔ Yeriko tata so. Na nʼasraafoɔ no nyinaa afiri ne ho abɔ apete, 9 na wɔkyeree no.
12 Ab bosome (bɛyɛ Ɔsannaa) ɛda a ɛtɔ so dunan wɔ afe a ɛyɛ Nebukadnessar mfeɛ dunkron adedie mu no, Nebusaradan a ɔyɛ awɛmfoɔ so panin a ɔyɛ Babiloniahene mpanimfoɔ nu mu baako no kɔɔ Yerusalem. 13 Ɔde ogya too Awurade asɔredan, ahemfie ne afie a ɛwɔ Yerusalem nyinaa mu. Ɔhyee efie biara a ɛdi mu. 14 Babiloniafoɔ akodɔm a wɔhyɛ ɔhene awɛmfoɔ so sahene ase no bubuu afasuo a atwa Yerusalem ho ahyia no nyinaa. 15 Ɔsahene Nebusaradan a ɔtua awɛmfoɔ ano no faa wɔn a wɔdi hia no mu bi, wɔn a wɔkaa kuropɔn no mu, adwumfoɔ a wɔaka ne wɔn a wɔkɔdɔm Babiloniahene no kɔɔ nnommumfa mu. 16 Nanso, Nebusaradan gyaa wɔn a wɔdi hia wɔ asase no so no nkaeɛ sɛ wɔnhwɛ bobe nturo ne mfuo no.
17 Babiloniafoɔ no bubuu kɔbere mfrafraeɛ afadum, nnyinasodeɛ a wɔtumi moma soɔ ne kɔbere mfrafraeɛ Po a na ɛwɔ Awurade asɔredan mu, na wɔde kɔbere mfrafraeɛ no nyinaa kɔɔ Babilonia. 18 Afei, wɔfaa nkukuo, nsofi, kaneahoma twitwasoɔ, ɔpete nkuruwa, nwowaa ne kɔbere mfrafraeɛ nneɛma a wɔde yɛ ɔsom adwuma wɔ asɔredan mu no nso kɔeɛ. 19 Ɔhene awɛmfoɔ sahene no faa nkankyee, nkankyee ntrawantrawa, ɔpete nkuruwa, nkukuo, kaneannua, nwowaa ne nkuruwa a wɔde di ɔnom afɔrebɔ ho dwuma no kɔeɛ; wɔde sikakɔkɔɔ amapa anaa dwetɛ na ɛyɛɛ yeinom nyinaa.
20 Na wɔntumi nkari kɔbere mfrafraeɛ a wɔde yɛɛ afadum mmienu no, Ɛpo no ne anantwinini dumienu a ɛwɔ nʼase ne nnyinasoɔ a wɔmoma soɔ a Ɔhene Salomo yɛɛ wɔ Awurade asɔredan mu yi mu duru. 21 Na afadum no biara ɔsorokɔ yɛ anammɔn aduonu nson ɛnna ne kanko mu nso yɛ anammɔn dunwɔtwe. Emu da tokuro na nʼafaban no mu pipiripie yɛ nsateakwaa ɛnan. 22 Na kɔbere mfrafraeɛ ntaasoɔ a ɛsi afadum baako so no ɔsorokɔ yɛ anammɔn nson ne fa a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho nyinaa ahyia. Afadum a aka no nso a wɔde kɔbere mfrafraeɛ ateaa ahyehyɛ ho no te sɛ baako no. 23 Na Kɔbere mfrafraeɛ ateaa aba a ɛsensɛn ntaasoɔ no ano no yɛ aduɔkron nsia, ɛnna deɛ ɛkata ntaasoɔ no ho yɛ ɔha.
24 Awɛmfoɔ no sahene no faa ɔsɔfopanin Seraia, abadiakyire Sefania ne ɔpono ano hwɛfoɔ baasa no sɛ nneduafoɔ. 25 Ɔfaa ɔpanin a ɔtua asraafoɔ no ano, ne adehyeɛ afotufoɔ baason firii nnipa a na wɔda so wɔ kuropɔn no mu no. Afei ɔfaa ɔtwerɛfoɔ a na ɔyɛ adwumayɛfoɔ panin ma wɔn a wɔfa nnipa ma wɔkɔyɛ asraafoɔ wɔ asase no so, ne nʼadwumayɛfoɔ no mu aduosia a ɔhunuu wɔn wɔ kuropɔn no mu. 26 Ɔsahene Nebusaradan faa wɔn nyinaa de wɔn brɛɛ Babiloniahene wɔ Ribla. 27 Wɔ Ribla a ɛwɔ Hamat hɔ no, ɔhene no ma wɔkunkum wɔn.