7 “Na seesei, deɛ Asafo Awurade Onyankopɔn, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Adɛn enti na mode amanehunu kɛseɛ aba mo ho so, sɛ moyii mmarima ne mmaa, mmɔfra ne mmotafowa firii Yuda a moangya nkaeɛfoɔ biara amma mo ho. 8 Adɛn enti na mode deɛ mo nsa ayɛ hyɛ me abufuo, na mohye nnuhwam ma anyame foforɔ wɔ Misraim, baabi a moabɛtena hɔ? Mobɛsɛe mo ho, na moayɛ nnomedeɛ ne nsopa wɔ asase so amanaman nyinaa mu. 9 Mo werɛ afiri amumuyɛsɛm a mo agyanom, Yuda ahemfo ne ahemaa yɛeɛ, na mo ne mo yerenom nso yɛɛ wɔ Yuda asase ne Yerusalem mmɔntene so no anaa? 10 Ɛbɛsi ɛnnɛ yi, wɔmmrɛɛ wɔn ho ase, wɔnnaa anidie adi na wɔnnii me mmara ne ahyɛdeɛ a mede maa mo ne mo agyanom no so.
11 “Enti, deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ nie: Masi mʼadwene pi sɛ mede amanehunu bɛba mo so na masɛe Yuda nyinaa. 12 Mɛfa Yuda nkaeɛfoɔ a wɔsii wɔn adwene pi sɛ wɔbɛkɔ Misraim akɔtena hɔ no. Wɔn nyinaa bɛwuwu wɔ Misraim; wɔbɛtotɔ akofena ano anaa ɛkɔm bɛkum wɔn. Ɛfiri akumaa so kɔsi ɔkɛseɛ so, akofena ne ɛkɔm bɛkunkum wɔn. Wɔbɛyɛ nnomedeɛ, ahodwiredeɛ, afɔbudeɛ ne ahohora. 13 Mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe wɔn a wɔtete Misraim aso, sɛdeɛ metwee Yerusalem aso no. 14 Yuda nkaeɛfoɔ a wɔakɔtena Misraim no mu biara rennwane, na wɔremfa wɔn ho nni na wɔasane aba Yuda, asase a wɔpɛ sɛ wɔsane bɛtena so no; wɔn mu biara remma bio, gye sɛ adwanefoɔ kakraa bi.”
15 Afei, mmarima a na wɔnim sɛ wɔn yerenom hye nnuhwam ma anyame foforɔ, wɔne mmaa a wɔwɔ hɔ no nyinaa ne nnipa a wɔwɔ Misraim Atifi fam ne Anafoɔ fam ka kyerɛɛ Yeremia sɛ, 16 “Yɛrentie asɛm a waka akyerɛ yɛn wɔ Awurade din mu no! 17 Ampa ara yɛbɛyɛ biribiara a yɛkaa sɛ yɛbɛyɛ: Yɛbɛhye nnuhwam ama Ɔsoro Hemmaa na yɛahwie ahwiesa ama no, sɛdeɛ yɛ ne yɛn agyanom, ahemfo ne adwumayɛfoɔ yɛɛ wɔ Yuda nkuro ne Yerusalem mmɔntene so pɛpɛɛpɛ. Saa ɛberɛ no na yɛwɔ aduane, na yɛdi yie a yɛnni ɔhaw biara nso. 18 Nanso ɛfiri ɛberɛ a yɛgyaee nnuhwam a yɛhye ma Ɔsoro Hemmaa, na yɛgyaee ahwiesa a yɛde ma no no, biribiara abɔ yɛn na yɛrewuwu wɔ akofena ne ɛkɔm ano.”
19 Na mmaa no nso ka kaa ho sɛ, “Ɛberɛ a yɛhyee nnuhwam maa[a] Ɔsoro Hemmaa na yɛhwiee ahwiesa maa no no, na yɛn kununom nnim sɛ yɛto ɔfam a ɛyɛ ne sɛso, hwie ahwiesa ma no anaa?”
20 Na Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa, mmarima ne mmaa a wɔrebua noɔ no sɛ, 21 “Mosusu sɛ, Awurade nnim sɛ na mo ne mo agyanom, mo ahemfo, adwumayɛfoɔ ne ɔmanfoɔ no hye nnuhwam ma ahoni wɔ Yuda nkuro so ne Yerusalem mmɔntene so anaa? 22 Ɛberɛ a mo amumuyɛ ne akyiwadeɛ a moyɛeɛ no fonoo Awurade no, mo asase danee nnomedeɛ ne amanfo a obiara nte so, sɛdeɛ ɛte ɛnnɛ yi. 23 Esiane sɛ moahye nnuhwam, ayɛ bɔne atia Awurade, na moannyɛ ɔsetie amma no, na moanni ne mmara, nʼahyɛdeɛ ne nʼadansesɛm soɔ enti, amanehunu aba mo so sɛdeɛ mohunu yi.”
24 Afei, Yeremia ka kyerɛɛ nnipa no nyinaa a mmaa no ka ho sɛ, “Mo Yudafoɔ a mowɔ Misraim nyinaa montie Awurade asɛm. 25 Yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn seɛ: Mo ne mo yerenom de mo nneyɛɛ akyerɛ mo bɔ a mohyɛɛ sɛ, ‘Ampa ara yɛbɛdi ɛbɔ a yɛhyɛɛ sɛ, yɛbɛhye nnuhwam ahwie ahwiesa ama Ɔsoro Hemmaa no, no so.’
29 “ ‘Yei na ɛbɛyɛ nsɛnkyerɛnneɛ ama mo sɛ mɛtwe mo aso wɔ ha, na mo ahunu sɛ ampa ara mʼahunahuna a ɛfa ɔhaw ho no bɛba mu,’ Awurade na ɔseɛ. 30 ‘Mede Misraimhene Farao Hofra rebɛhyɛ nʼatamfoɔ a wɔpɛ sɛ wɔkum no no nsa, sɛdeɛ mede Yudahene Sedekia hyɛɛ Babiloniahene Nebukadnessar, ne ɔtamfoɔ a na ɔrepɛ no akum no no nsa. Yei ne deɛ Awurade seɛ.’ ”
<- Yeremia 43Yeremia 45 ->- a mmaa—Ɛsiane sɛ na Ɔsoro Hemmaa no yɛ Babilonia bosom a ɔma awoɔ no enti, na mmaa di ne som no mu akotene.