4 “ ‘Nanso tie Awurade bɔhyɛ, Ao, Yudahene Sedekia. Yei ne deɛ Awurade ka fa wo ho: Worenwu wɔ akofena ano; 5 na wobɛwu asomdwoeɛ mu. Sɛdeɛ nnipa bɔɔ ayiyɛ gyatanaa de hyɛɛ wʼagyanom animuonyam, ahemfo dada a wɔdii wʼanim no, saa ara na wɔbɛbɔ gyatanaa ahyɛ wo animuonyam na wɔabɔ bena sɛ, “Ao owura!” Me ankasa na mehyɛ saa bɔ yi, Awurade na ɔseɛ.’ ”
6 Na odiyifoɔ Yeremia kaa yeinom nyinaa kyerɛɛ Yudahene Sedekia wɔ Yerusalem, 7 ɛberɛ a Babiloniahene akodɔm reko tia Yerusalem ne Yuda nkuropɔn, Lakis ne Aseka[a] a na wɔgu so reko wɔ hɔ. Yei ne nkuropɔn a na aka wɔ Yuda a wɔwɔ banbɔ.
12 Na Awurade asɛm baa Yeremia nkyɛn sɛ, 13 “Deɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, seɛ nie: Me ne mo agyanom yɛɛ apam ɛberɛ a meyii wɔn firii Misraim, nkoasom asase so no. Mekaa sɛ, 14 ‘Mfeɛ nson biara no, ɛsɛ sɛ mo mu biara gyaa ne yɔnko Hebrini a watɔn ne ho ama no. Sɛ wasom mfeɛ nsia a gyaa no na ɔmfa ne ho nni.’ Nanso, mo agyanom antie na wɔamfa mʼasɛm. 15 Ɛnkyɛree koraa monuu mo ho na moyɛɛ deɛ ɛyɛ wɔ mʼani so: Mo mu biara paee ahofadie maa ne ɔman mma. Mpo moyɛɛ apam wɔ mʼanim, wɔ efie a me Din da soɔ no mu. 16 Nanso seesei, moadane mo ho na moahura me din ho; mo mu biara asane akɔfa nkoa ne mfenaa a mogyaa wɔn sɛ wɔnkɔ baabiara a wɔpɛ no. Moahyɛ wɔn ama wɔayɛ mo nkoa bio.
17 “Afei, deɛ Awurade seɛ nie: Montiee me na mompaee ahofadie mmaa mo ankasa nkurɔfoɔ. Enti afei mepae mu ka ahofadie ma mo, Awurade na ɔseɛ. Mɛgyaa mo ama akofena, ɔyaredɔm ne ɔkɔm. Mɛma mo ayɛ akyiwadeɛ ama asase so ahennie ahodoɔ nyinaa. 18 Nnipa a wɔabu mʼapam so, na wɔanni nhyehyɛeɛ a ɛwɔ apam a wɔayɛ wɔ mʼanim no so no, mɛyɛ wɔn sɛ nantwie ba a wɔpaee ne mu mmienu na wɔnantee nʼafaafa no ntam no. 19 Yuda ne Yerusalem ntuanofoɔ, asɛnniiɛ adwumayɛfoɔ, asɔfoɔ ne asase no so nnipa no nyinaa a monante faa nantwie ba no afaafa no ntam no, 20 mede wɔn bɛma wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa no. Wɔn afunu bɛyɛ aduane ama ewiem nnomaa ne asase so mmoa.
21 “Mede Yudahene Sedekia ne nʼadwumayɛfoɔ bɛhyɛ wɔn atamfoɔ a wɔrepɛ wɔn nkwa, Babiloniahene akodɔm a wɔatwe wɔn ho no nsa. 22 Merebɛhyɛ, Awurade asɛm nie, na mɛsane de wɔn aba kuropɔn yi mu. Wɔbɛko atia no, wɔbɛfa, na wɔahye no dwerɛbee. Na mɛma Yuda nkuro ada mpan a ɔbiara rentumi ntena hɔ.”
<- Yeremia 33Yeremia 35 ->- a Lakis ne Aseka—Salomo babarima Rehoboam bɔɔ saa nkuro yi ho ban nanso akyire yi, Asiria ɔhempɔn Senaherib tuaa ano wɔ Lakis ɔhene Hesekia berɛ so. (2 Be 32.9)