8 “ ‘Nanso sɛ ɔman bi anaa ahennie bi rensom Babiloniahene Nebukadnessar anaa wɔremfa wɔn kɔn nhyɛ ne kɔnnua ase a, mede akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm bɛtwe saa ɔman no aso, kɔsi sɛ mede ne nsa bɛsɛe no, Awurade na ɔseɛ. 9 Ɛno enti monntie mo adiyifoɔ, mo nkɔmhyɛfoɔ, mo adaeɛ asekyerɛfoɔ, mo asamanfrɛfoɔ anaa mo ntafowayifoɔ a wɔka kyerɛ mo sɛ, “Morensom Babiloniahene.” 10 Wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ a ɛbɛma wɔayi mo afiri mo asase so akɔ akyirikyiri nko ara; mɛpam mo ama mo ase ayera. 11 Nanso, sɛ ɔman biara de ne kɔn bɛhyɛ Babiloniahene kɔnnua no ase na wasom no a, mɛma saa ɔman no aka ɔno ara asase so na wadɔ so atena so, Awurade, na ɔseɛ.’ ”
12 Mede saa nkra korɔ no ara kɔmaa Yudahene Sedekia sɛ, “Momfa mo kɔn nhyɛ Babiloniahene kɔnnua ase na monsom ɔno ne ne nkurɔfoɔ na mobɛnya nkwa. 13 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ wo ne wo nkurɔfoɔ wuwuo wɔ akofena, ɛkɔm ne ɔyaredɔm ano, sɛdeɛ Awurade de ahunahuna ɔman biara a ɔmpɛ sɛ ɔsom Babiloniahene no? 14 Monntie adiyifoɔ no a wɔka kyerɛ mo sɛ, ‘Morensom Babiloniahene,’ ɛfiri sɛ wɔhyɛ mo nkɔmtorɔ. 15 ‘Mensomaa wɔn’ Awurade na ɔseɛ. ‘Wɔhyɛ nkɔmtorɔ wɔ me din mu. Enti, mɛpam mo na moayera, mo ne adiyifoɔ a wɔhyɛ mo nkɔm no.’ ”
16 Na meka kyerɛɛ asɔfoɔ no ne saa nkurɔfoɔ yi nyinaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Monntie adiyifoɔ no a wɔhyɛ mo nkɔm sɛ, ‘Ɛrenkyɛre koraa wɔde Awurade efie nneɛma no bɛfiri Babilonia aba.’ Wɔhyɛ nkɔmtorɔ kyerɛ mo. 17 Monntie wɔn. Monsom Babiloniahene na mobɛnya nkwa. Adɛn enti na ɛsɛ sɛ saa kuropɔn yi sɛeɛ? 18 Sɛ wɔyɛ adiyifoɔ na Awurade asɛm wɔ wɔn mu a, ma wɔn nkoto nsrɛ Asafo Awurade na nneɛma a wɔde siesie dan mu a aka wɔ Awurade efie ne Yudahene ahemfie ne Yerusalem no, wɔamfa ankɔ Babilonia. 19 Na yei ne deɛ Asafo Awurade ka fa kɔbere mfrafraeɛ afadum, Ɛpo, nnyinasoɔ a wɔtumi pia ne nneɛma a wɔde siesie dan mu no a aka wɔ kuropɔn yi mu no ho. 20 Deɛ Babiloniahene Nebukadnessar amfa ankɔ ɛberɛ a ɔbɛfaa Yudahene Yehoiakim babarima Yehoiakin ne Yuda ne Yerusalem mmapɔmma firii Yerusalem kɔɔ nkoasom mu wɔ Babilonia no. 21 Aane, yei ne deɛ Asafo Awurade, Israel Onyankopɔn, ka fa nneɛma a aka wɔ Awurade efie, Yudahene ahemfie ne Yerusalem no ho: 22 ‘Wɔbɛfa akɔ Babilonia, na ɛhɔ na ɛbɛka kɔsi da a mɛba abɛfa,’ Awurade na ɔseɛ. ‘Afei mede nneɛma no bɛsane aba bio abɛsisi wɔn siberɛ wɔ ha.’ ”
<- Yeremia 26Yeremia 28 ->